Exodus
17 Israel asafo nyinaa tu firii Sin+ serɛ no so. Sɛ wɔfiri bea baako a na wɔkɔ bea foforɔ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ wɔn no,+ na akyire yi wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsuo nni hɔ a ɔman no bɛnom.
2 Na ɔman no ne Mose hameeɛ, na wɔkaa sɛ:+ “Ma yɛn nsuo nnom.” Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo ne me reham? Adɛn nti na mokɔ so sɔ Yehowa hwɛ?”+ 3 Afei na sukɔm de nkurɔfoɔ no wɔ hɔ, enti ɔman no nwiinwii tiaa Mose sɛ: “Adɛn nti na woayi yɛn afiri Egypt aba ha sɛ sukɔm mmɛkunkum yɛne yɛn mma ne yɛn mmoa?”+ 4 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasi me aboɔ!”+
5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa poma a wode kyerɛɛ Asubɔnten Nil+ soɔ no kura, na fa Israel mpanimfoɔ no bi ka wo ho fa nkurɔfoɔ no anim kɔ.+ 6 Hwɛ, megyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa wo poma no bɔ ɔbotan no mu na nsuo bɛfiri mu aba ama ɔman no anom.”+ Enti Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanimfoɔ no anim. 7 Na ɔfrɛɛ hɔ Masa+ ne Meriba,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na Israelfoɔ no ne Mose hameeɛ, na wɔsɔɔ Yehowa hwɛeɛ+ bisaa sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa ɔnni yɛn mu?”+
8 Na Amalekfoɔ+ baa sɛ wɔne Israel rebɛko wɔ Refidim.+ 9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yosua+ sɛ: “Yi mmarima+ ma wɔne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mede nokorɛ Nyankopɔn no poma+ bɛkura akɔgyina kokoɔ no so.” 10 Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no,+ na ɔkɔɔ sɛ ɔne Amalekfoɔ no rekɔko, na Mose ne Aaron ne Hur+ nso foro kɔgyinaa kokoɔ no so.
11 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Israelfoɔ no redi nkonim,+ na sɛ ɔgyaa ne nsa mu ba fam a, na Amalekfoɔ no redi nkonim. 12 Berɛ a Mose nsa gyeneeɛ no, Aaron ne Hur faa boɔ de no tenaa so, na wɔsosɔɔ ne nsa mu, baako wɔ benkum na baako wɔ nifa, na ne nsa mu ango kɔsii sɛ awia kɔtɔeɛ. 13 Enti Yosua de nkrantɛ dii Amalek ne ne dɔm so.+
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ yei wɔ nwoma no mu na ɛnyɛ nkaeɛ,+ na ma no nnuru Yosua asom sɛ, ‘Mɛpepa Amalekfoɔ, na wɔrenkae wɔn bio ɔsoro ase.’”+ 15 Mose sii afɔrebukyia na ɔtoo din Yehowa-Nisi, 16 na ɔkaa sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔama wɔn nsa so atia Yah+ ahennwa+ nti, Yehowa ne Amalek bɛko firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”+