8 “Fa poma+ no kura na wo ne wo nua Aaron mfrɛ ɔman no nyinaa nhyia. Monkasa nkyerɛ ɔbotan a ɛsi wɔn anim no, na nsuo bɛfiri mu aba. Na momfa nsuo a ɛbɛfiri ɔbotan no mu aba no mma asafo no ne wɔn mmoa nnom.”+
15 Ɔno na ɔde wo faa serɛ a ɛso yɛ hu soɔ,+ ɛserɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ+ ne nyanyankyerɛ wɔ soɔ, asase kesee a nsuo nni soɔ; na ɔmaa nsuo firi abohemmaa mu ba maa wo.+
15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii botan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa+ asase a womaa wo nsa so de kaa ntam sɛ wode bɛma wɔn no.+