Numeri 20:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afei Mose maa ne poma no so de bɔɔ botan no mprenu, na nsuo pii ba maa asafo no ne wɔn mmoa nyinaa nomeeɛ.+ Nehemia 9:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii botan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa+ asase a womaa wo nsa so de kaa ntam sɛ wode bɛma wɔn no.+ Dwom 78:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɔpaee abotan mu wɔ serɛ so hɔ,+Na ɛmaa wɔnyaa nsuo pii nomeeɛ sɛ deɛ ɛfiri subunu mu.+
11 Afei Mose maa ne poma no so de bɔɔ botan no mprenu, na nsuo pii ba maa asafo no ne wɔn mmoa nyinaa nomeeɛ.+
15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii botan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa+ asase a womaa wo nsa so de kaa ntam sɛ wode bɛma wɔn no.+