105 Monna Yehowa ase, mommɔ ne din,+
Monka ne nneyɛɛ ho asɛm amanaman mu.+
2 Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no,+
Monnwennwene n’anwanwadwuma nyinaa ho.+
3 Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.+
Momma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no akoma nni ahurisie.+
4 Monhwehwɛ Yehowa ne n’ahoɔden.+
Monhwehwɛ n’anim adom daa.+
5 Monkae n’anwanwadwuma a wayɛ+
Ne nsɛnkyerɛnne ne n’anom atemmusɛm no,+
6 O n’akoa Abraham asefoɔ,+
Mo, Yakob mma a wayi mo.+
7 Ɔno ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn.+
N’atemmusɛm kɔduru asase so baabiara.+
8 Wakae n’apam de akɔsi daa,+
Asɛm a ɔhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ apem no;+
9 Apam a ɔne Abraham yɛeɛ+
Ne ntam a ɔkaa Isak no;+
10 Ɔde yɛɛ ahyɛdeɛ sii hɔ maa Yakob,
Na ɔde maa Israel sɛ daa apam;+
11 Ɔkaa sɛ: “Wo na mede Kanaan asase bɛma wo+
Sɛ agyapadeɛ a matwa ama mo.”+
12 Saa berɛ no na wɔnnɔɔso,+
Ná wɔyɛ kakraa bi; na wɔyɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ.+
13 Wɔdii atutena wɔ amanaman mu,+
Na wɔfirii ahennie baako mu kɔɔ ahennie foforɔ mu.+
14 Wamma onipa biara ansisi wɔn,+
Na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim.+
15 Ɔkaa sɛ: “Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfoɔ a masra wɔn no,+
Na m’adiyifoɔ nso, monnyɛ wɔn bɔne.”+
16 Ɔmaa kɔm baa asase no so;+
Ɔbubuu abaa biara a paanoo sensɛn soɔ.+
17 Ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,
Yosef a wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu no.+
18 Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ne nan,+
Na wɔde dadeɛ kyekyeree no,+
19 Kɔsii berɛ a Yehowa asɛm baa mu,+
Na n’asɛm siesiee no.+
20 Ɔhene no soma maa wɔkɔyii no,+
Deɛ ɔdi nkurɔfoɔ soɔ no maa wɔgyaa no.
21 Ɔde no sii ne fie so panin,+
Na ɔmaa no dii n’agyapadeɛ nyinaa so;+
22 Sɛ́ ɔnkyekyere ɔhene mpanimfoɔ sɛdeɛ ne kra pɛ,+
Na ɔnkyerɛ ne nkɔkoraa nso nyansa.+
23 Ɛnna Israel baa Egypt,+
Na Yakob bɛyɛɛ hɔhoɔ wɔ Ham asase so.+
24 Onyankopɔn maa ne man ase trɛɛ pii,+
Na ɔmaa wɔbɛyɛɛ den senee wɔn atamfo.+
25 Ɔdanee wɔn akoma maa wɔtan ne man,+
Na wɔde aniteɛ hyɛɛ ne nkoa so.+
26 Ɛnna ɔsomaa n’akoa Mose,+
Ne Aaron a ɔyii no no.+
27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔn mu,+
Na wɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ Ham asase so.+
28 Ɔsomaa esum, na esum durui;+
Wɔante n’asɛm so atua.+
29 Ɔdanee wɔn nsuo mogya,+
Na ɔkunkum wɔn mpataa.+
30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ wɔn asase so mã,+
Ma wɔbaa wɔn ahemfo mpo mpia mu.
31 Ɔkaa sɛ ahuriiɛ mmra,+
Na ntummoa mmra wɔn asase no so nyinaa.+
32 Ɔde asukɔtweaa yɛɛ nsuo tɔ guu wɔn so,+
Na ɔmaa gyaframa tɔ guu wɔn asase so.+
33 Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma nnua,
Na ɔbubuu wɔn asase so nnua nyinaa.+
34 Ɔkaa sɛ ntutummɛ mmra,+
Ntutummɛ a wɔn dodoɔ nni ano.+
35 Wɔwee wɔn asase no so nhahan nyinaa;+
Na wɔn mfuo mu nnɔbaeɛ nso, wɔdiiɛ.
36 Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,+
Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no.+
37 Ɔyii ne man firii hɔ de dwetɛ ne sika kaa wɔn ho;+
Ná obiara nni n’abusuakuo no mu a wagoɔ.
38 Wɔfirii hɔ no, Egypt dii ahurisie,
Ɛfiri sɛ na wɔn ho hu atɔ wɔn so.+
39 Ɔtrɛɛ mununkum mu de kataa wɔn so,+
Na egya maa wɔn hann anadwo.+
40 Wɔbisaeɛ, na ɔmaa wɔn nkokɔhwedeɛ,+
Na ɔde ɔsoro aduane maa wɔn di meeɛ.+
41 Ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;+
Ɛsenee sɛ asubɔnten faa kwaweɛ no so.+
42 Ɔkaee asɛm kronkron a ɔka kyerɛɛ n’akoa Abraham no.+
43 Enti ɔyii ne man, ahurisie mu,+
Ne wɔn a wayi wɔn no, osebɔ mu.+
44 Nkakrankakra, ɔde amanaman no nsase maa wɔn,+
Na wɔfaa amanaman no nsa ano adwuma a wɔbrɛ yɛeɛ no,+
45 Na ama wɔadi n’ahyɛdeɛ+
Ne ne mmara so.+
Monyi Yah ayɛ!+