Exodus 10:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Enti Mose tenee ne poma kyerɛɛ Egypt asase so, na Yehowa maa apueeɛ mframa+ bɔ faa asase no so da no nyinaa, awia ne anadwo. Adeɛ kyee anɔpa no, apueeɛ mframa no soaa ntutummɛ baeɛ. Deuteronomium 28:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 “Wode aba pii bɛhyɛ fam, nanso kakraa bi na wobɛtwa+ ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛwe.+ Dwom 78:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa ntɛfrɛ,Na ɔde wɔn nsa ano adwuma maa ntutummɛ.+
13 Enti Mose tenee ne poma kyerɛɛ Egypt asase so, na Yehowa maa apueeɛ mframa+ bɔ faa asase no so da no nyinaa, awia ne anadwo. Adeɛ kyee anɔpa no, apueeɛ mframa no soaa ntutummɛ baeɛ.