Exodus
18 Na Mose ase+ Yetro a ɔyɛ Midian sɔfoɔ no tee deɛ Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel ne sɛdeɛ Yehowa yii Israel firii Egypt+ no nyinaa. 2 Enti Mose ase Yetro faa Mose yere Sipora, a na wama no kɔ ne nkyɛn no, 3 na ɔfaa ne mma mmarima mmienu+ kaa ho. Baako din de Gersom,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Meyɛ hɔhoɔ a mabɛtena ananafoɔ asase soɔ”; 4 na deɛ ɔka ho no nso de Elieser,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn a m’agya som no no ne me boafoɔ, na ɔno na ɔgyee me firii Farao nkrantɛ ano.”+
5 Enti Mose ase Yetro, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ serɛ no so, nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ ho.+ 6 Afei ɔsoma maa wɔkɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Me, w’ase Yetro,+ ne wo yere ne ne mma mmienu no aba wo nkyɛn wɔ ha.” 7 Ntɛm ara na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔbɔɔ ne mu ase fee n’ano,+ na obiara bisaa ne yɔnko sɛdeɛ ne ho teɛ. Afei wɔkɔɔ ntomadan mu.
8 Na Mose kaa deɛ Israel nti Yehowa de yɛɛ Farao ne Egypt+ no nyinaa ho asɛm kyerɛɛ n’ase. Na amaneɛ a wɔhunuu no kwan soɔ+ ne sɛdeɛ Yehowa gyee wɔn+ no nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ no. 9 Berɛ a Yetro tee papa a Yehowa ayɛ ama Israel ne gyeɛ a ɔgyee wɔn firii Egypt nsam no, n’ani gyeeɛ.+ 10 Na Yetro kaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa a wagye mo afiri Egypt ne Farao nsam, deɛ ɔyii nkurɔfoɔ no firii Egypt nkoasom mu no.+ 11 Sɛ mehwɛ deɛ Yehowa de baa Egyptfoɔ soɔ berɛ a wɔredi Israelfoɔ so akokurokosɛm no a, mehunu ampa sɛ Yehowa sõ sene anyame foforɔ nyinaa.”+ 12 Afei Mose ase Yetro bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ foforɔ maa Onyankopɔn,*+ na Aaron ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ne Mose ase didii nokorɛ Nyankopɔn no anim.+
13 Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu atɛn,+ sɛdeɛ daa ɔyɛ no, na nkurɔfoɔ no bɛgyinaa Mose so firii anɔpa kɔsii anwummerɛ. 14 Na Mose ase hunuu deɛ ɔreyɛ ma nkurɔfoɔ no nyinaa, na ɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ ɔman yi? Adɛn nti na wo nko ara na wote hɔ ama nnipa yi nyinaa abɛgyina wo so firi anɔpa akɔsi anwummerɛ?” 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Nkurɔfoɔ no ba me nkyɛn bɛhu Onyankopɔn.+ 16 Sɛ asɛm bi sɔre+ nnipa mmienu ntam a, wɔde ba ma medi, na mema wɔhunu nokorɛ Nyankopɔn no adwene ne ne mmara.”+
17 Ɛnna Mose ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ saa. 18 Woyɛ saa a, wo ne ɔman a wɔka wo ho yi nyinaa bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma no boro wo so.+ Wo nko ara wontumi nyɛ.+ 19 Afei tie me.+ Mɛtu wo fo, na Onyankopɔn bɛdi w’akyi.+ Wo deɛ, gyina ɔman no ananmu wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim,+ na fa wɔn nsɛm bra nokorɛ Nyankopɔn anim.+ 20 Afei kyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara no,+ na ma wɔnhunu kwan a wɔmfa soɔ ne adwuma a wɔnyɛ.+ 21 Na wo ara hwɛ nkurɔfoɔ no mu yi mmarima a wɔfata,+ wɔsuro Nyankopɔn,+ wɔdi nokorɛ,+ na wɔnyɛ adufudepɛ;+ yɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so. 22 Na berɛ biara a ɛho bɛhia no, wɔmmu nkurɔfoɔ no atɛn, nanso asɛm a emu yɛ duro bi sɔre a, wɔmfa mmrɛ wo;+ na nsɛm nketenkete deɛ, wɔn ara wɔnni. Enti ma wɔmmoa wo na adwuma no nyɛ mmerɛ mma wo.+ 23 Sɛ woyɛ yei, na ɛyɛ Onyankopɔn ahyɛdeɛ a, wɔbɛtumi agyina ano na ɔman yi nyinaa de asomdwoeɛ akɔ wɔn tenabea.”+
24 Mose antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔtiee n’ase no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.+ 25 Ɛnna Mose yii Israelfoɔ no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanimfoɔ+ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so. 26 Na wɔbuu nkurɔfoɔ no atɛn berɛ biara a ɛho bɛhia. Asɛm a emu yɛ duro sɔre a, wɔde brɛ Mose,+ na nsɛm nketenkete no deɛ, wɔn ara wɔdi. 27 Afei Mose gyaa n’ase kwan+ maa no kɔɔ n’asase so.