Exodus
18 Na Mose asebarima Yetro a ɔyɛ Midian sɔfoɔ+ no tee deɛ Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel ne sɛdeɛ Yehowa yii Israel firii Egypt no nyinaa.+ 2 Enti Mose ase Yetro faa Mose yere Sipora a na Mose ama no kɔ ne nkyɛn no, 3 na ɔfaa ne mma mmarima mmienu+ no kaa ho. Baako din de Gersom,*+ ɛfiri sɛ Mose kaa sɛ, “Meyɛ hɔhoɔ a mabɛtena ananafoɔ asaase so,” 4 na deɛ ɔka ho no nso de Elieser,* ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn a m’agya som no no ne me boafoɔ, na ɔno na ɔgyee me firii Farao sekan ano.”+
5 Enti Mose ase Yetro, ne Mose yere, ne ne mma no baa Mose nkyɛn wɔ serɛ no so, nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ no ho.+ 6 Afei ɔsoma maa wɔkɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Me, w’ase Yetro,+ ne wo yere ne ne mma mmienu no reba wo nkyɛn.” 7 Ntɛm ara na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔbɔɔ ne mu ase fee n’ano, na obiara bisaa ne yɔnko sɛdeɛ ne ho teɛ. Afei wɔkɔɔ ntomadan mu.
8 Mose kaa deɛ Israel nti Yehowa de yɛɛ Farao ne Egypt no nyinaa+ ho asɛm kyerɛɛ n’ase. Na amaneɛ a wɔhunuu no kwan so+ ne sɛdeɛ Yehowa gyee wɔn no nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ no. 9 Berɛ a Yetro tee nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Israel no nyinaa, ne gye a ɔgyee wɔn firii Egypt nsam no, n’ani gyeeɛ. 10 Ɛnna Yetro kaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa; ɔno na wagye mo afiri Egypt ne Farao nsam, na ɔno na wayi nkurɔfoɔ no afiri Egypt nkoasom mu. 11 Sɛ mehwɛ deɛ Yehowa de baa Egyptfoɔ so berɛ a wɔredi Israelfoɔ so ahantansɛm no a, ama mahu sɛ ɔso sene anyame a aka no nyinaa.”+ 12 Afei Mose ase Yetro bɔɔ* ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ foforɔ maa Onyankopɔn, na Aaron ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ne Mose ase didii wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim.
13 Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu atɛn sɛdeɛ daa ɔyɛ no, na nkurɔfoɔ no bɛgyinaa Mose so firii anɔpa kɔsii anwummerɛ. 14 Berɛ a Mose ase hunuu deɛ ɔreyɛ ama nkurɔfoɔ no, ɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ ɔman yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ na nnipa yi nyinaa abɛgyina wo so firi anɔpa kɔsi anwummerɛ?” 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ no ba me nkyɛn bɛgye akwankyerɛ firi Onyankopɔn hɔ. 16 Sɛ asɛm bi si wɔ nnipa mmienu ntam a, wɔde ba ma medi, na mema wɔhu nokorɛ Nyankopɔn no adwene ne ne mmara.”+
17 Ɛnna Mose ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woreyɛ no nyɛ. 18 Woyɛ saa a, wo ne ɔman a wɔka wo ho yi nyinaa bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma no boro wo so. Wo nko ara worentumi nyɛ. 19 Afei tie me. Mɛtu wo fo, na Onyankopɔn bɛdi w’akyi.+ Wo deɛ, gyina ɔman no ananmu wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim,+ na fa wɔn nsɛm bra nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ 20 Kyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara no,+ na ma wɔnhunu ɛkwan a wɔmfa so ne adwuma a wɔnyɛ. 21 Afei hwɛ nkurɔfoɔ no mu yi mmarima a wɔfata,+ wɔsuro Onyankopɔn, mmarima anokwafoɔ a wɔmpɛ mfaso bɔne;+ yi wɔn sɛ mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so.+ 22 Na sɛ asɛm bi si a, wɔmmu nkurɔfoɔ no atɛn, nanso asɛm a emu yɛ duru deɛ, wɔmfa mmrɛ wo; na nsɛm nketenkete deɛ, wɔn ankasa nni.+ Enti ma wɔmmoa wo na adwuma no nyɛ mmerɛ mma wo.+ 23 Sɛ woyɛ wei, na Onyankopɔn pene so a, ɛnneɛ woremmrɛ, na obiara de akomatɔyam bɛkɔ fie.”
24 Mose antwentwɛn ne nan ase koraa; ɔtiee n’ase no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. 25 Ɛnna Mose yii Israelfoɔ no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so. 26 Enti berɛ biara a asɛm bi bɛsi no, na wɔbu nkurɔfoɔ no atɛn. Nanso asɛm a emu yɛ duru no, wɔde brɛ Mose,+ na nsɛm nketenkete no deɛ, wɔn ankasa di. 27 Ɛno akyi no, Mose gyaa n’ase+ kwan maa no kɔɔ n’asaase so.