18 Enti Mose san n’akyi kɔɔ n’asebarima Yetro+ hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mesan kɔ me nuanom a wɔwɔ Egypt no nkyɛn kɔhwɛ sɛ wɔda so te ase anaa.” Ɛnna Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.”
29 Afei Mose ka kyerɛɛ Hobab a ɔyɛ Mose ase Midianni Reuel*+ ba no sɛ: “Yɛretu akɔ baabi a Yehowa kaa sɛ, ‘Mede bɛma mo’ no.+ Bra ma yɛnkɔ,+ na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ Yehowa de nneɛma pa ahyɛ Israel bɔ.”+