Exodus
4 Nanso Mose kaa sɛ: “Na sɛ wɔannye me anni na wɔantie me,+ na wɔka sɛ ‘Yehowa nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo’ nso ɛ?” 2 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wokura yi?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ poma.” 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “To twene fam.” Enti ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ;+ ɛnna Mose dwane firii ho. 4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa sɔ ne dua mu.” Na ɔtenee ne nsa sɔɔ ne dua mu, na ɛdanee poma wɔ ne nsam. 5 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Wei bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+
6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no bio sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ w’ataadeɛ mu wɔ wo koko so.” Enti ɔde ne nsa hyɛɛ n’ataadeɛ mu. Berɛ a ɔyii ne nsa no, ɔnkɔhwɛ a, kwata na ayɛ ne nsa ho fitaa te sɛ sukyerɛmma yi!+ 7 Afei ɔkaa sɛ: “San fa wo nsa hyɛ w’ataadeɛ mu wɔ wo koko so.” Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ n’ataadeɛ mu. Berɛ a ɔyii ne nsa no, na kwata no kɔ ama ne nsa ho ayɛ sɛ ne honam baabiara! 8 Ɔkaa sɛ: “Sɛ wɔannye wo anni anaasɛ wɔannye sɛnkyerɛnne a ɛdi kan no anni a, sɛnkyerɛnne a ɛtɔ so mmienu no deɛ, deɛ ɛteɛ biara wɔbɛgye atom.+ 9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne mmienu yi nyinaa anni na wɔantie wo a, kɔsa Asubɔnten Nil mu nsuo na hwie gu asaase kesee so, na nsuo a wosa firii Asubɔnten Nil no mu no bɛdane mogya wɔ asaase kesee no so.”+
10 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ɛfiri tete bɛsi berɛ a wo ne w’akoa rekasa yi mpo, menyɛ obi a m’ano ate, ɛfiri sɛ me kasa yɛ nyaa na me kɛtrɛma yɛ duru.”+ 11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano, na hwan na ɔma obi tumi yɛ mum, sotifoɔ, deɛ ɔhunu adeɛ yie ne onifirani? Ɛnyɛ me Yehowa? 12 Enti wo deɛ kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka.”+ 13 Nanso ɔkaa sɛ: “Yehowa, wei deɛ mesrɛ wo, sɛ obi foforɔ wɔ hɔ a wopɛ sɛ wosoma no a, soma ɔno mmom.” 14 Ɛnna Yehowa bo fuu Mose, na ɔkaa sɛ: “Wo nua Lewini Aaron+ nni hɔ anaa? Menim sɛ n’ano ate paa. Na ɔnam kwan so mpo rebɛhyia wo. Sɛ ɔhu wo a, n’ani bɛgye wɔ n’akomam.+ 15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo deɛ monyɛ. 16 Ɔbɛsi w’ananmu ne nkurɔfoɔ no akasa; ɔbɛyɛ wo kyeame, na wo nso woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.*+ 17 Na fa poma yi kura na wode ayɛ nsɛnkyerɛnne no.”+
18 Enti Mose san n’akyi kɔɔ n’asebarima Yetro+ hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mesan kɔ me nuanom a wɔwɔ Egypt no nkyɛn kɔhwɛ sɛ wɔda so te ase anaa.” Ɛnna Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.” 19 Ɛno akyi, berɛ a Mose da so wɔ Midian no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ Egypt, ɛfiri sɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo aku wo* no nyinaa awuwu.”+
20 Ɛnna Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenaa afunumu so, na ɔsiim de n’ani kyerɛɛ Egypt. Na Mose faa nokorɛ Nyankopɔn no poma no nso kuraeɛ. 21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wokɔduru Egypt a, anwanwadeɛ a mama wo tumi sɛ yɛ wɔ Farao anim no, hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa.+ Nanso mɛma kwan ama n’akoma apirim,+ na ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔ.+ 22 Ka kyerɛ Farao sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Israel yɛ me ba, m’abakan.+ 23 Mereka akyerɛ wo sɛ, Ma me ba no kwan na ɔnkɔsom me. Na sɛ woamma no ankɔ a, mɛku w’abakan.”’”+
24 Berɛ a wɔnam kwan so a wɔduruu ahomegyebea bi no, Yehowa+ bɛhyiaa no, na na ɔpɛ sɛ ɔku no.+ 25 Ɛnna Sipora+ faa boɔ bi a ano yɛ nnam* de twaa ne ba no twetia* na ɔmaa deɛ ɔtwaeɛ no kaa ne nan,* na ɔkaa sɛ: “Deɛ enti a mayɛ saa ne sɛ woyɛ mogya ayeforɔkunu ma me.” 26 Enti ɔgyaa no. Afei twetiatwa no nti Sipora kaa sɛ: “Woyɛ mogya ayeforɔkunu.”
27 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔhyia Mose wɔ serɛ so.”+ Enti ɔkɔhyiaa no wɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ so,+ na ɔde mfeano kyeaa no. 28 Na nsɛm a Yehowa de somaa Mose+ ne nsɛnkyerɛnne a ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no,+ ɔkaa ne nyinaa ho asɛm kyerɛɛ Aaron. 29 Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔboaboaa Israel mpanimfoɔ nyinaa ano.+ 30 Afei nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Aaron kaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ nsɛnkyerɛnne+ no wɔ nkurɔfoɔ no anim. 31 Ɛbaa saa no, nkurɔfoɔ no gye diiɛ.+ Na berɛ a wɔtee sɛ Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ Israelfoɔ+ na wahu wɔn amanehunu no,+ wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam.