Exodus
5 Akyire yi, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa se, ‘Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkodi m’afahyɛ wɔ serɛ so.’” 2 Nanso Farao kaa sɛ: “Hwan ne Yehowa,+ na matie no ama Israel akɔ?+ Mennim Yehowa biara, na Israelfoɔ nso, meremma wɔnkɔ.”+ 3 Nanso wɔkaa sɛ: “Hebrifoɔ Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yɛde nnansa tu kwan kɔbɔ afɔreɛ wɔ serɛ so ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde yareɛ anaa sekan bɛba yɛn so.” 4 Ɛnna Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mose ne Aaron, adɛn nti na moama nkurɔfoɔ no agyae wɔn adwuma agu hɔ? Monkɔhwɛ so nyɛ mo adwuma!”*+ 5 Farao toaa so sɛ: “Hwɛ nnipa dodoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ asaase no so. Nanso mopɛ sɛ wɔgyae adwuma a wɔreyɛ no.”
6 Enti da no ara, Farao ka kyerɛɛ adwuma so ahwɛfoɔ ne wɔn a wɔdeda adwuma ano no sɛ: 7 “Mommma nkurɔfoɔ no serɛ a wɔde bɛyɛ birikisi bio.+ Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa kɔhwehwɛ serɛ. 8 Nanso momma wɔnyɛ birikisi dodoɔ a wɔyɛ daa no. Monnte so mmma wɔn, ɛfiri sɛ wɔrego wɔn ho.* Ɛno nti na wɔresu sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔ, yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔreɛ ma yɛn Nyankopɔn!’ 9 Mommia adwuma no mu mma wɔn na adwuma no nnɔɔso mma wɔn, na wɔankɔtie nnaadaasɛm biara.”
10 Enti adwuma so ahwɛfoɔ+ ne wɔn a wɔdeda adwuma ano no kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Asɛm a Farao aka ne sɛ, ‘Meremma mo serɛ bio. 11 Baabi a mobɛnya serɛ biara, mo ara monkɔhwehwɛ, nanso mo adwuma no deɛ, yɛrente so ketewaa bi mpo.’” 12 Enti nkurɔfoɔ no tee wɔn ho guu mu kɔboaboaa serɛ* ano wɔ Egypt asaase so baabiara. 13 Na adwuma so ahwɛfoɔ no kɔɔ so hyɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a wɔatwa ama obiara sɛ da biara ɔnyɛ no, monyɛ no sɛ berɛ a na wɔma mo serɛ no.” 14 Afei nso, Farao adwuma so ahwɛfoɔ no hwee+ Israelfoɔ a wɔdeda adwuma ano no, na wɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na nnora ne nnɛ, birikisi dodoɔ a daa motwa no, moantwa anwie?”
15 Ɛnna Israelfoɔ a wɔdeda adwuma ano no kɔɔ Farao nkyɛn kɔkaa wɔn haw kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ wo nkoa saa? 16 Wɔmmaa wo nkoa serɛ biara, nso wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monyɛ birikisi!’ Wɔhwe yɛn, nanso mfomsoɔ no firi wo nkurɔfoɔ no.” 17 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Morego mo ho,* morego mo ho!*+ Ɛno ara nti na moreka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔreɛ ma Yehowa.’+ 18 Monkɔ nkɔyɛ adwuma! Wɔremma mo serɛ biara, nanso birikisi dodoɔ a yɛaka sɛ montwa no, ɛno ara na mobɛtwa.”
19 Berɛ a ɔkaa sɛ: “Monnte birikisi a moyɛ no daa no so baako mpo” no, Israelfoɔ a wɔdeda adwuma ano no huu sɛ asɛm ato wɔn. 20 Afei berɛ a wɔfiri Farao hɔ reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron sɛ wɔgyina hɔ retwɛn wɔn. 21 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhwɛ na ɔntwe mo aso, ɛfiri sɛ moama Farao ne ne nkoa bo afu yɛn,* na mode sekan ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.”+ 22 Ɛnna Mose bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Yehowa, adɛn nti na woama awie nkurɔfoɔ yi bɔne? Adɛn nti na wosomaa me? 23 Ɛfiri berɛ a mekɔɔ Farao nkyɛn kɔkasaa wɔ wo din mu no,+ wateetee nkurɔfoɔ yi asene kane no mpo,+ nanso wonnyee wo nkurɔfoɔ.”+