Exodus
5 Akyire yi, Mose ne Aaron kɔɔ Farao+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa se, ‘Ma me nkurɔfoɔ nkɔhyɛ fã mma me wɔ serɛ so.’”+ 2 Na Farao kaa sɛ: “Hwan ne Yehowa+ a mentie no mma Israel nkɔ?+ Mennim Yehowa biara,+ na Israel nso, meremma wɔnkɔ.”+ 3 Nanso wɔtoaa so kaa sɛ: “Hebrifoɔ Nyankopɔn no ne yɛn akasa.+ Enti yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yɛtu kwan nnansa kɔ serɛ so kɔbɔ afɔdeɛ ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde owuyareɛ anaa nkrantɛ bɛba yɛn so.”+ 4 Ɛnna Egypt hene bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo, Mose ne Aaron, moama nkurɔfoɔ no agyae adwuma a wɔreyɛ no?+ Monkɔhwɛ so nyɛ mo adwuma!”+ 5 Farao toaa so sɛ: “Hwɛ! Nnipa a wɔwɔ asase no soɔ adɔɔso,+ ɛnna mopɛ sɛ wɔgyae adwuma a wɔreyɛ yi!”+
6 Enti da no ara, Farao ka kyerɛɛ wɔn a wɔde nkurɔfoɔ no kɔ adwuma ne wɔn a wɔda wɔn ano+ no sɛ: 7 “Mommma nkurɔfoɔ no ɛserɛ mmfa nnyɛ birikisi+ bio. Momma wɔn ara wɔnkɔhwehwɛ ɛserɛ. 8 Na momma wɔnyɛ birikisi dodoɔ a wɔyɛ daa no. Monnte so mmma wɔn, ɛfiri sɛ wɔyɛ anihafoɔ.+ Na ɛno nti na wɔresu sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔ, yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma yɛn Nyankopɔn!’+ 9 Mommia adwuma no mu mma wɔn, na monhwɛ sɛ wɔbɛyɛ, na mommma wɔnntie atosɛm biara.”+
10 Enti wɔn a wɔde nkurɔfoɔ no kɔ adwuma+ ne wɔn a wɔda wɔn ano no kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Yei ne asɛm a Farao aka, ‘Meremma mo ɛserɛ bio. 11 Baabi a mobɛnya ɛserɛ biara, mo ara monkɔhwehwɛ, nanso mo adwuma no deɛ, wɔrente so ketewaa bi mpo.’”+ 12 Enti nkurɔfoɔ no tee wɔn ho guu wuram wɔ Egypt asase so baabiara kɔboaboaa buronan ano sɛ ɛserɛ. 13 Na wɔn a wɔde wɔn kɔ adwuma no tĩĩ mu ka kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Obiara nwie adwuma a wɔatwa ama no da no, te sɛ berɛ a na ɛserɛ wɔ hɔ no.”+ 14 Na Farao adwuma so ahwɛfoɔ no hwee+ Israelfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano+ no, na wɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na nnora ne nnɛ, moanwie birikisi+ dodoɔ a wɔatwa ama mo sɛ monyɛ sɛdeɛ na moyɛ dada no?”+
15 Afei wɔn a wɔda Israelfoɔ ano+ no kɔɔ Farao nkyɛn kɔsu kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa? 16 Wɔmmaa wo nkoa ɛserɛ biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monyɛ birikisi!’ Mfomsoɔ no firi wo nkurɔfoɔ no, nanso wɔhwe yɛn.”+ 17 Na ɔbuaa sɛ: “Moyɛ anihafoɔ, moyɛ anihafoɔ!+ Enti na moka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Yehowa.’+ 18 Monkɔ nkɔyɛ adwuma! Wɔremma mo ɛserɛ biara, nanso mobɛyɛ birikisi dodoɔ a wɔatwa ama mo no.”+
19 Berɛ a ɔkaa sɛ:+ “Monnte birikisi a moyɛ no daa no so baako mpo”+ no, wɔn a wɔdeda Israelfoɔ ano no hunuu sɛ asɛm ato wɔn. 20 Afei berɛ a wɔfiri Farao hɔ reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron+ sɛ wɔgyina hɔ retwɛn wɔn. 21 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhwɛ mo na ɔmmu mo atɛn,+ ɛfiri sɛ moama yɛn ho abɔn+ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.”+ 22 Ɛnna Mose dane kɔɔ Yehowa nkyɛn+ kɔkaa sɛ: “Yehowa, adɛn nti na woama awie nkurɔfoɔ yi bɔne?+ Adɛn nti koraa na wosomaa me?+ 23 Ɛfiri berɛ a mekɔɔ Farao nkyɛn de wo din+ ne no kasaeɛ no, ɔne nkurɔfoɔ yi adi no nwononwono,+ nanso wonnyee wo nkurɔfoɔ.”+