11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ sisii wɔn so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so;+ na wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+
7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokorɛm no mahunu me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wɔsie berɛ a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Menim wɔn brɛ nyinaa.+