Exodus
1 Israel mma a wɔne Yakob baa Egypt no din nie; obiara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ:+ 2 Ruben,+ Simeon,+ Lewi,+ ne Yuda,+ 3 Isakar,+ Sebulon,+ ne Benyamin,+ 4 Dan,+ Naftali,+ Gad,+ ne Aser.+ 5 Akra a wɔfiri Yakob asene mu+ baeɛ nyinaa si aduɔson. Ná Yosef wɔ Egypt dada.+ 6 Akyire yi Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛ sofoɔ nyinaa wuwuiɛ.+ 7 Na Israel mma no wowoeɛ, na wɔbɛyɛɛ bebree; wɔn ase trɛɛ ntɛmntɛm na wɔn ho bɛyɛɛ den papaapa, na wɔhyɛɛ asase no so mã.+
8 Akyire yi ɔhene foforɔ bɛdii adeɛ wɔ Egypt a na ɔnnim Yosef.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene yɛn.+ 10 Momma yɛmpɛ nyansakwan bi mfa wɔn mfa so,+ ɛfiri sɛ sɛ yɛanhwɛ yie a wɔn ase bɛtrɛ ayɛ pii, na ɛko bi ba a, wɔbɛkɔ akɔka yɛn atamfo ho ne yɛn ako na afei wɔafiri ɔman yi mu akɔ.”
11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ sisii wɔn so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so;+ na wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+ 12 Nanso berɛ a wɔtanee wɔn ani no, ɛno mpo na wɔkɔɔ so dɔreeɛ na wɔn ase trɛeɛ, na Israelfoɔ no ho hu tɔɔ wɔn so.+ 13 Enti Egyptfoɔ no de Israelfoɔ no yɛɛ nkoa atirimuɔden so.+ 14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔwɔɔ dɔteɛ+ de yɛɛ birikisi, na wɔmaa wɔyɛɛ afuomdwuma nyinaa bi.+ Aane, nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔhyɛɛ wɔn atirimuɔden so maa wɔyɛeɛ.+
15 Akyire yi Egypt hene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ mmaa a wɔgye awoɔ+ a baako de Sifra na baako nso de Pua no, 16 aane, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moregye Hebrini baa bi awoɔ wɔ awoɔ adwa so na mohunu sɛ abɔfra no yɛ ɔbarima a, monku no, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, ɔntena ase.” 17 Nanso na wɔn a wɔgye awoɔ no suro nokorɛ Nyankopɔn+ no, enti wɔanyɛ deɛ Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn no,+ na wɔkoraa mmarima no so.+ 18 Afei Egypt hene frɛɛ mmaa a wɔgye awoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moayɛ yi? Adɛn nti na moakora mmarima no soɔ?”+ 19 Ɛnna mmaa a wɔgye awoɔ no buaa Farao sɛ: “Hebrifoɔ mmaa no nte sɛ Egyptfoɔ mmaa. Wɔn ho yɛ den, enti ansa na deɛ ɔgye awoɔ no bɛduru wɔn nkyɛn no na wɔawo dada.”
20 Enti Onyankopɔn ne mmaa a wɔgye awoɔ no dii no yie;+ na Israelfoɔ no dɔre yɛɛ pii na wɔn ho yɛɛ den yie. 21 Na ɛsiane sɛ na wɔn a wɔgye awoɔ no suro nokorɛ Nyankopɔn no nti, akyire yi ɔmaa wɔnyaa mmusua.+ 22 Afei Farao ka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Abɔfra biara a wɔbɛwo no foforɔ no, sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monto no ntwene Nil asubɔnten mu, na ɔbaa deɛ, momma no ntena ase.”+