Dwom 41:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa bɛhwɛ ne so na wama no nkwa.+Wɔbɛfrɛ no anigyeɛ wɔ asase so.+Na woremfa ne kra nhyɛ n’atamfo nsa.+ Mmebusɛm 11:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɔbɔnefoɔ nya akatua bɔne,+ na deɛ ɔgu tenenee no, ɔnya akatua pa.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Ɔsɛnkafoɔ 8:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Sɛ ɔbɔnefoɔ yɛ bɔne+ mprɛ ɔha, na ɔtena ase kyɛ sɛdeɛ ɛsɔ n’ani mpo a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no yie,+ osuro a wɔwɔ+ no nti. Yesaia 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Monka sɛ ɛbɛsi ɔteneneeni yie,+ na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.+ Luka 1:50 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 50 ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ soɔ no, ɔhu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+ Hebrifoɔ 6:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene sɛ ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfoɔ+ na moda so som wɔn no.
2 Yehowa bɛhwɛ ne so na wama no nkwa.+Wɔbɛfrɛ no anigyeɛ wɔ asase so.+Na woremfa ne kra nhyɛ n’atamfo nsa.+
12 Sɛ ɔbɔnefoɔ yɛ bɔne+ mprɛ ɔha, na ɔtena ase kyɛ sɛdeɛ ɛsɔ n’ani mpo a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no yie,+ osuro a wɔwɔ+ no nti.
10 Na Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene sɛ ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfoɔ+ na moda so som wɔn no.