Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+
Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+
2 Yehowa bɛhwɛ ne so na wama no nkwa.+
Wɔbɛfrɛ no anigyeɛ wɔ asase so.+
Na woremfa ne kra nhyɛ n’atamfo nsa.+
3 Yehowa bɛwowa no yarepa so;+
Wobɛhwɛ no ne yareɛ mu.+
4 Me deɛ, mekaa sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ.+
Sa me kra yareɛ, na mayɛ wo bɔne.”+
5 M’atamfo deɛ, bɔne nko na wɔka no me ho sɛ:+
“Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?”
6 Sɛ wɔba bɛhwɛ me a, atosɛm na wɔn akoma keka;+
Wɔtase nsɛmmɔne fa;
Sɛ wɔfiri adi a, wɔkeka ho asɛm wɔ abɔnten.+
7 Wɔn a wɔtan me nyinaa ka bom besebese wɔn ano wɔ me ho;+
Wɔbɔ me ho pɔ bɔne daa sɛ:+
8 “Yare bɔne bi ate agu ne so;+
Afei a watɔ fam yi, ɔrensɔre bio.”+
9 Deɛ me ne no te asomdwoeɛ mu a mede me ho too ne soɔ mpo,+
Deɛ na ɔdi m’aduane no,+ wama ne nantin so atia me.+
10 O Yehowa, hu me mmɔbɔ na ma me so,+
Na ama matua wɔn ka.+
11 Yei ho na mahunu sɛ wopɛ m’asɛm,
Ɛfiri sɛ me tamfo nni me ho ahurisie.+
12 Me deɛ, m’akoma di mu nti woma me so,+
Na wode me gyina w’anim daa.+
13 Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn no+
Daa daa.+
Amen ne Amen.+