Mmebusɛm 16:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Onipa kɔntɔnkye toto nnipa ntam,+ na deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no tete nnamfoɔ ntam.+ Romafoɔ 1:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 na deɛ ɛntene+ nyinaa, amumuyɔ,+ anibereɛ,+ ne bɔneyɛ+ ahyɛ wɔn mã; ahoɔyaa,+ awudie,+ ntawantawadie,+ nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ahyɛ wɔn mã; wɔtutu nsɛm gu nkurɔfoɔ asom,+ 2 Korintofoɔ 12:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na mesuro sɛ, sɛ meba+ a, ebia meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ, na mmom deɛ ebia ɛrekɔ soɔ ne ntawantawadie, ahoɔyaa,+ abufuo, mansotwe, anoɔyaa, nsekuro, ahomasoɔ, sakasakayɛ.+
29 na deɛ ɛntene+ nyinaa, amumuyɔ,+ anibereɛ,+ ne bɔneyɛ+ ahyɛ wɔn mã; ahoɔyaa,+ awudie,+ ntawantawadie,+ nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ahyɛ wɔn mã; wɔtutu nsɛm gu nkurɔfoɔ asom,+
20 Na mesuro sɛ, sɛ meba+ a, ebia meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ, na mmom deɛ ebia ɛrekɔ soɔ ne ntawantawadie, ahoɔyaa,+ abufuo, mansotwe, anoɔyaa, nsekuro, ahomasoɔ, sakasakayɛ.+