Leviticus 25:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 “‘Sɛ ɛhia wo nua ma ne ho kyere no+ a, boa no.+ Na ma no ntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔhoɔ ne otubrafoɔ.+ Deuteronomium 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ Dwom 37:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɔdom nkurɔfoɔ daa, na ɔde fɛm,+Ɛno nti n’asefoɔ bɛnya nhyira.+ Dwom 112:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔbarima a ɔyɛ ɔdomfoɔ+ a ɔde fɛm+ no yɛ onipa pa. י [Yohdh]Atɛntenenee mu na ɔyɛ ne biribiara.+ 2 Timoteo 1:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Awurade nyi mmɔborɔhunu adi nkyerɛ Onesiforo fiefoɔ,+ ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me+ mprɛ pii, na wamfɛre me nkɔnsɔnkɔnsɔn+ no ho. Hebrifoɔ 13:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+
16 Awurade nyi mmɔborɔhunu adi nkyerɛ Onesiforo fiefoɔ,+ ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me+ mprɛ pii, na wamfɛre me nkɔnsɔnkɔnsɔn+ no ho.
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+