Leviticus 25:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “‘Sɛ ɛhia wo nua na ɔtɔn n’agyapadeɛ bi a, ne busuani a ɔbɛn no nso mmɛtɔ deɛ ne nua no atɔn no.+ Deuteronomium 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ Dwom 41:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+ Mmebusɛm 14:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ohiani deɛ, ne yɔnko mpo tan no,+ na ɔdefoɔ nnamfo dɔɔso.+ Mmebusɛm 17:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Deɛ ɔdi ohiani ho fɛ no bɔ ne Bɔfoɔ ahohora.+ Deɛ ɔdi ne yɔnko amanehunu ho ahurisie no remfa ne ho nni.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Marko 14:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ahiafoɔ+ deɛ, daa wɔwɔ mo nkyɛn, na berɛ biara a mopɛ no mobɛtumi ayɛ wɔn papa daa, na me deɛ, morennya me daa.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+
5 Deɛ ɔdi ohiani ho fɛ no bɔ ne Bɔfoɔ ahohora.+ Deɛ ɔdi ne yɔnko amanehunu ho ahurisie no remfa ne ho nni.+
7 Ahiafoɔ+ deɛ, daa wɔwɔ mo nkyɛn, na berɛ biara a mopɛ no mobɛtumi ayɛ wɔn papa daa, na me deɛ, morennya me daa.+