Deuteronomium
15 “Mfeɛ nson biara awieeɛ no, fa ɛka biara kyɛ. 2 Ɛho akwankyerɛ nie:+ Obiara mfa ka a ne yɔnko de no no nkyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyere ne yɔnko anaa ne nua sɛ ɔntua,+ ɛfiri sɛ ɔde ka no akyɛ wɔ Yehowa anim.+ 3 Ɔhɔhoɔ+ deɛ, wobɛtumi ayere no ama no atua wo ka; nanso sɛ wo biribi kɔdi wo nua nkyɛn a, gya ma no. 4 Ɛnsɛ sɛ ɛhia obi wɔ wo kurom, ɛfiri sɛ Yehowa bɛhyira+ wo asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapadeɛ no so.+ 5 Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛtie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa soɔ.+ 6 Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wobɛnya wo ho de bi afɛm+ amanaman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm hwee; na wobɛdi amanaman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ 8 Bue wo nsam ma no+ na fa deɛ ɔhia biara fɛm no. 9 Hwɛ yie na nsusuiɛ bɔne biara amma w’akomam+ sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛtɔ so nson a wɔde ka kyɛ no aduru.’+ Sɛ wodwene saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimuɔden.+ Ɛba saa a, wo nti ɔbɛsu afrɛ Yehowa+ na ɛbɛdane bɔne ama wo.+ 10 Enti pɛ biribi ma no;+ mmɔ no ayamuɔnwono na Yehowa wo Nyankopɔn ahwɛ so ahyira biribiara a woyɛ so, deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara.+ 11 Hunu sɛ ohiani rempa w’asase so.+ Yei nti na merehyɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa deɛ ahia no w’asase soɔ’ no.+
12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa ma wo,+ na ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no ma no nkɔ.+ 13 Na sɛ wogyaa no a, mma no mmfa nsapan nnkɔ.+ 14 Fa wo nnwan ne wo nnɔbaeɛ ne wo ngo ne wo nsã no bi gya no kwan. Hwɛ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira woɔ na wo nso pɛ biribi ma no.+ 15 Kae sɛ na woyɛ akoa Egypt asase so na Yehowa wo Nyankopɔn gyee woɔ.+ Ɛno nti na mede mmara yi rema wo nnɛ no.
16 “Nanso sɛ ɔdɔ wo ne wo fiefoɔ, na ɔte nka sɛ wanya asetena pa wo nkyɛn a, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mempɛ sɛ mefiri wo nkyɛn!’+ 17 Ɛba saa a, fa no twere pono na fa fitiiɛ bɔ n’asom tokuro ma no nyɛ w’akoa afebɔɔ.+ Sɛ ɔyɛ afenaa nso a yɛ no saa ara. 18 Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgyaa no ama no akorɔ,+ ɛfiri sɛ adwuma a ɔde mfeɛ nsia yɛeɛ no yɛ apaafoɔ+ mmienu adwuma, na Yehowa wo Nyankopɔn ahyira deɛ woayɛ biara so.+
19 “Hyira wo nnwan ne w’anantwie mmakan a wɔyɛ anini no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo dwan abakan ho nwi.+ 20 Wo ne wo fiefoɔ nwe no Yehowa wo Nyankopɔn anim afe biara wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ no.+ 21 Sɛ aboa no atɔ apakye anaa n’ani abɔ anaa wadi dɛm foforɔ biara a, mfa no mmɔ afɔdeɛ mma Yehowa wo Nyankopɔn.+ 22 We no wo kurom. Obiara a ne ho teɛ ne deɛ ne ho nteɛ nyinaa bɛtumi awe bi,+ te sɛ wansane ne ɔforoteɛ.+ 23 Nanso hwɛ na woanni ne mogya.+ Hwie gu fam sɛ nsuo.+