Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 13:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Ɔbarima biara a ɔbue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a ɔdi kan no, hyira so ma me. Ɛyɛ me dea.”+

  • Exodus 34:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 “Deɛ ɛbue yafunu ano biara yɛ me dea,+ na wo mmoa nso, nantwie oo, odwan oo, onini biara a ɔdi kan no yɛ me dea.+

  • Leviticus 27:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 “‘Aboa biara abakan deɛ, ɛnsɛ sɛ obi hyira soɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa dea+ dada. Nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ Yehowa dea.+

  • Numeri 3:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Hwɛ, abakan biara yɛ me dea.+ Da a mekum Egypt asase so mmakan+ nyinaa no, mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so faeɛ, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Enti wɔyɛ me dea. Mene Yehowa.”

  • Numeri 18:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 “Onipa anaa aboa a ɔbue yafunu ano+ biara a wɔde no bɛma Yehowa no bɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mu mmakan+ deɛ, ma wɔntua sika nnye wɔn. Saa ara na aboa a ne ho akum abakan nso ma wɔntua sika nnye no.+

  • Numeri 18:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Nanso nantwinini anaa odwennini anaa abirekyie a ɔyɛ abakan deɛ, mfa sika nsesa,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron. Fa ne mogya+ petepete afɔrebukyia no so, na hye ne sradeɛ sɛ egya afɔdeɛ hwamhwam ma Yehowa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane