Numeri
3 Yeinom ne Mose ne Aaron mmusua,* da a Yehowa ne Mose kasaa Bepɔ Sinai+ soɔ no. 2 Aaron mma din nie: Nadab, a ɔyɛ ne ba panin, ne Abihu,+ Eleasar,+ ne Itamar.+ 3 Yeinom ne Aaron mma a wɔsraa wɔn yɛɛ wɔn asɔfoɔ maa wɔn tumi* sɛ wɔnyɛ asɔfodwuma+ no. 4 Nanso Nadab ne Abihu wuu Yehowa anim berɛ a wɔde egya foforɔ bi a Yehowa mmaa ho kwan+ bɔɔ afɔdeɛ wɔ Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma. Eleasar+ ne Itamar+ kaa wɔn papa Aaron ho yɛɛ asɔfodwuma no.
5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Fa Lewi abusuakuo+ no bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim na wɔnsom+ no. 7 Ma wɔnyɛ adwuma mma ɔno ne asafo no nyinaa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim, ntomadan no ho adwuma nyinaa. 8 Wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma nyinaa+ so, na wɔnyɛ ntomadan+ no ho adwuma mma Israelfoɔ. 9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu de wɔn ama no+ koraa. 10 Na yi Aaron ne ne mma ma wɔnyɛ asɔfodwuma,+ na onipahunu biara a ɔbɛbɛn hɔ no wɔnku no.”+
11 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Hwɛ, mayi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnsi Israelfoɔ mmakan a wɔbue yafunu ano nyinaa ananmu.+ Na Lewifoɔ bɛyɛ me dea. 13 Hwɛ, abakan biara yɛ me dea.+ Da a mekum Egypt asase so mmakan+ nyinaa no, mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so faeɛ, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Enti wɔyɛ me dea. Mene Yehowa.”
14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai+ serɛ so sɛ: 15 “Kan Lewifoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi bosome baako nyinaa.”+ 16 Mose tieeɛ na ɔfirii aseɛ kan wɔn sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no. 17 Lewi mma+ no din nie: Gerson ne Kohat ne Merari.+
18 Gerson mma a wɔn din da wɔn mmusua soɔ nie: Libni ne Simei.+
19 Kohat mma+ a wɔn din da wɔn mmusua soɔ ne Amram, Yisar,+ Hebron, ne Usiel.
20 Merari mma+ a wɔn din da wɔn mmusua soɔ ne Mahli+ ne Musi.+
Yeinom ne Lewifoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn agyanom fie.
21 Wɔn a wɔwɔ Gerson fie ne Libni+ abusua ne Simei+ abusua. Yeinom ne mmusua a wɔwɔ Gerson fie. 22 Wɔkanee mmarima a wɔwɔ hɔ a wɔadi firi bosome baako nyinaa.+ Na wɔn nyinaa ano si mpemnson ne ahanum.+ 23 Na Gerson abusua no wɔ ntomadan no akyi.+ Wɔde wɔn tenaa atɔeɛ fam. 24 Ɔpanin a ɔda Gerson abusua no ano ne Lael ba Eliasaf. 25 Na Gersonfoɔ+ no bɛhwɛ yeinom so wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu: kronkronbea no ne ntomadan+ no ne ne nkatasoɔ+ ne ntoma a ɛsɛn+ ahyiaeɛ ntomadan no ano, 26 ne adihɔ no ho ntoma,+ ne ntoma a ɛsɛn+ adihɔ no kwan ano, baabi a wɔfa ba ntomadan no mu ne afɔrebukyia no ho, ne ɛho nhoma+ ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa.
27 Wɔn a wɔwɔ Kohat fie ne Amram abusua ne Yisar abusua ne Hebron abusua ne Usiel abusua. Yeinom ne mmusua a wɔwɔ Kohat fie.+ 28 Wɔkanee wɔn no, na mmarima a wɔadi firi bosome baako no ano si mpemnwɔtwe ne ahansia a kronkronbea hɔ dwumadie hyɛ wɔn nsa.+ 29 Wɔde Kohat mma mmusua tenaa ntomadan no fã a ɛkyerɛ anafoɔ.+ 30 Na ɔpanin a ɔda Kohat abusua no ano ne Usiel+ ba Elisafan. 31 Wɔn adwuma+ ne sɛ wɔbɛhwɛ Adaka+ no ne pono+ no ne kaneadua+ no ne afɔrebukyia+ ne kronkronbea hɔ nneɛma+ a wɔde bɛsom ne ntwamutam+ no ne ɛho dwumadie nyinaa soɔ.
32 Na Lewi abusuakuo no mpanimfoɔ mu otitire ne ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar.+ Ɔno na na ɔhwɛ kronkronbea hɔ adwumayɛfoɔ nyinaa soɔ.
33 Wɔn a wɔwɔ Merari fie ne Mahli abusua+ ne Musi abusua.+ Yeinom ne mmusua a wɔwɔ Merari fie.+ 34 Wɔkanee wɔn no, na mmarima a wɔadi firi bosome baako no ano si mpemnsia ne ahanu.+ 35 Ɔpanin a ɔda Merari abusua no ano ne Abihail ba Suriel. Wɔde wɔn tenaa ntomadan no fã a ɛkyerɛ atifi no.+ 36 Na Merari abusua no hwɛ ntomadan no nnua+ ne deɛ ɛbeabea mu+ ne adum+ ne ne nnyinasoɔ ne ɛhɔ nneɛma nyinaa+ ne ɛho adwuma nyinaa+ so. 37 Afei na wɔhwɛ adum+ a atwa adihɔ no ho ahyia ne ne nnyinasoɔ+ ne ɛho mpɛɛwa ne nhoma so.
38 Afei Mose ne Aaron ne ne mma tenaa ahyiaeɛ ntomadan no anim, kyerɛ sɛ, kronkronbea no anim. Na ɛyɛ ntomadan no fã a ɛkyerɛ apueeɛ, baabi a awia pue fire. Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea hɔ dwumadie so+ ma Israelfoɔ. Onipahunu biara bɛn hɔ a, na wɔbɛku no.+
39 Lewifoɔ mmarima a wɔadi firi bosome baako a Yehowa maa Mose ne Aaron kan wɔn, mmusua mmusua, no nyinaa ano si mpem aduonu mmienu.
40 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ Israelfoɔ mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi firi bosome baako nyinaa+ din na bu wɔn dodoɔ ano. 41 Afei fa Lewifoɔ no ma me—mene Yehowa—na memfa wɔn nsi Israelfoɔ mmakan nyinaa ananmu.+ Na Lewifoɔ mmoa nsi Israelfoɔ mmoa mmakan nyinaa ananmu.”+ 42 Na Mose firii aseɛ kan Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no no. 43 Ɔwieeɛ no, na mmakan a wɔyɛ mmarima a wɔadi firi bosome baako no nyinaa ano si mpem aduonu mmienu, ahanu aduɔson mmiɛnsa.
44 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Fa Lewifoɔ no si Israelfoɔ mmakan nyinaa ananmu, na Lewifoɔ mmoa nsi wɔn mmoa ananmu; na Lewifoɔ no nyɛ me dea.+ Mene Yehowa. 46 Na Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa a wɔboro Lewifoɔ no soɔ+ no deɛ, wɔbɛtua wɔn ho agyedeɛ.+ 47 Enti gye onipa baako biara tiri nnwetɛbena nnum.+ Susu no sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Dwetɛbena biara yɛ gerah aduonu.+ 48 Na fa sika no ma Aaron ne ne mma sɛ wɔn a wɔboro wɔn soɔ no ho agyedeɛ.” 49 Enti Mose gyee sika no firii wɔn a wɔboro soɔ no hɔ, ɛfiri sɛ na wɔboro agyedeɛ a Lewifoɔ tuaeɛ no so. 50 Ɔgyee sika no firii Israelfoɔ mmakan hɔ, na ɔnyaa nnwetɛbena apem ahasa aduosia nnum, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. 51 Na Mose de sika no maa Aaron ne ne mma sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ sɛ ɔnyɛ no. Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.