Numeri
3 Weinom na na wɔyɛ Aaron ne Mose asefoɔ,* da a Yehowa ne Mose kasaa wɔ Sinai Bepɔ so no.+ 2 Aaron mma din nie: Nadab, a ɔyɛ ne ba panin, ne Abihu,+ Eleasar,+ ne Itamar.+ 3 Weinom ne Aaron mma a wɔsraa wɔn hyɛɛ wɔn* asɔfoɔ sɛ wɔnyɛ asɔfodwuma no.+ 4 Nanso Nadab ne Abihu wuu wɔ Yehowa anim berɛ a wɔde egya foforɔ bi a Yehowa mmaa ho kwan bɔɔ afɔreɛ+ wɔ Sinai serɛ so no; ná wɔnni mma biara. Nanso Eleasar+ ne Itamar+ deɛ, wɔkɔɔ so ne wɔn papa Aaron yɛɛ asɔfodwuma no.
5 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Fa Lewi abusuakuo+ no bra, na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔmmɛboa no.+ 7 Wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma de aboa Aaron na wɔde asom asafo no nyinaa wɔ ɔsom ntomadan no anim. 8 Wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma nyinaa so,+ na wɔnyɛ ɔsom ntomadan no ho adwuma mfa nsom Israelfoɔ no.+ 9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma. Wɔde Lewifoɔ no ama no. Wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu ama no.+ 10 Na yi Aaron ne ne mma ma wɔnyɛ wɔn asɔfodwuma.+ Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, monku no.”+
11 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Hwɛ! Me deɛ, mayi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnsi Israelfoɔ mmakan* nyinaa anan.+ Enti Lewifoɔ bɛyɛ me dea. 13 Ɛfiri sɛ abakan biara yɛ me dea.+ Ɛda a mekum Egypt asaase so mmakan nyinaa no,+ mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so fae, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Enti wɔbɛyɛ me dea. Mene Yehowa.”
14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so+ sɛ: 15 “Twerɛ Lewifoɔ no din na hunu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu ne wɔn abusua biara mu. Twerɛ ɔbarima a wadi bosome baako rekɔ biara din.”+ 16 Enti Mose tiee ahyɛdeɛ a Yehowa de maeɛ no, na ɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. 17 Lewi mma din nie: Gerson ne Kohat ne Merari.+
18 Gerson mma a wɔn din da wɔn mmusua so nie: Libni ne Simei.+
19 Kohat mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+
20 Merari mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Mahli+ ne Musi.+
Weinom ne Lewifoɔ mmusua no ne wɔn agyanom abusuafie.
21 Mmusua a ɛfiri Gerson mu ne, Libni+ abusua ne Simei abusua. Weinom ne Gersonfoɔ mmusua. 22 Wɔtwerɛɛ mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din; wɔn dodoɔ yɛ 7,500.+ 23 Gersonfoɔ mmusua no kyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no akyi+ wɔ atɔeɛ fam. 24 Abusuapanin a ɔda Gersonfoɔ agyanom abusuafie ano ne Lael ba Eliasaf. 25 Adwuma a wɔde hyɛɛ Gersonfoɔ+ no nsa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntomadan no, ne emu ntoma,+ ne ntoma a ɛkata ho,+ ne ntoma*+ a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, 26 ne ntoma* a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ɔsom ntoma*+ a ɛwɔ adihɔ no ano, adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne weinom ho adwuma biara.
27 Mmusua a ɛfiri Kohat mu ne, Amram abusua ne Yisar abusua ne Hebron abusua ne Usiel abusua. Weinom ne Kohatfoɔ+ mmusua. 28 Mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa dodoɔ yɛ 8,600; wɔn na wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ kronkronbea hɔ.+ 29 Kohatfoɔ mmusua no kyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no anaafoɔ fam.+ 30 Abusuapanin a ɔda Kohatfoɔ agyanom abusuafie ano ne Usiel+ ba Elisafan. 31 Adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ Adaka no,+ ɛpono no,+ kaneadua no,+ afɔrebukyia+ a ɛwowɔ hɔ, nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ,+ ntoma* no,+ ne weinom ho adwuma biara.+
32 Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar+ na na ɔyɛ Lewi abusuakuo mpanimfoɔ no mu panin. Ɔno na na ɔhwɛ kronkronbea hɔ adwumayɛfoɔ nyinaa so.
33 Mmusua a ɛfiri Merari mu ne Mahli abusua ne Musi abusua. Weinom ne Merarifoɔ mmusua.+ 34 Wɔtwerɛɛ mmarima a ɛwɔ wɔn mu a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din; wɔn dodoɔ yɛ 6,200.+ 35 Abusuapanin a ɔda Merarifoɔ agyanom abusuafie ano ne Abihail ba Suriel. Wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no atifi fam.+ 36 Adwuma a wɔde hyɛɛ Merarifoɔ no nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntomadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinasoɔ, ne nneɛma a wɔde som wɔ hɔ nyinaa,+ ne weinom ho adwuma biara.+ 37 Afei nso, na wɔhwɛ adum a atwa adihɔ no ho ahyia, ne adum no nnyinasoɔ,+ ne nnua a wɔde bɔ ɔsom ntomadan no mu tim fam, ne ɛho nhoma so.
38 Wɔn a wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no anim wɔ apueeɛ fam, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no anim, baabi a awia pue firi no, ne Mose ne Aaron ne Aaron mma. Adwuma a na ɛhyɛ wɔn nsa ne sɛ wɔbɛsi Israelfoɔ no anan ahwɛ tenabea kronkron no so. Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, monku no.+
39 Lewifoɔ mmarima a wɔadi bosome baako rekɔ a Mose ne Aaron twerɛɛ wɔn din de hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ abusua biara mu sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 22,000.
40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ Israelfoɔ mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi bosome baako rekɔ nyinaa din.+ Kan wɔn, na twerɛ wɔn din. 41 Fa Lewifoɔ no ma me; mene Yehowa. Fa wɔn si Israelfoɔ mmakan nyinaa anan,+ na fa Lewifoɔ no afieboa mmakan nyinaa si Israelfoɔ afieboa mmakan nyinaa anan.”+ 42 Enti Mose twerɛɛ Israelfoɔ mmakan nyinaa din, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. 43 Mmarima a wɔyɛ mmakan a wɔadi bosome baako rekɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 22,273.
44 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Fa Lewifoɔ no si Israelfoɔ mmakan nyinaa anan, na fa Lewifoɔ no afieboa si wɔn afieboa anan. Enti Lewifoɔ bɛyɛ me dea. Mene Yehowa. 46 Israelfoɔ mmakan 273 a wɔboro Lewifoɔ no so no,+ gye wɔn ho agyedeɛ+ yi: 47 Onipa baako biara, gye nnwetɛbena nnum.+ Susu nnwetɛbena* no sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Dwetɛbena biara yɛ gerah* 20.+ 48 Fa sika no ma Aaron ne ne mma sɛ wɔn a wɔboro wɔn so no ho agyedeɛ.” 49 Enti Mose gyee sika a wɔde retua agyedeɛ no, na ɔde gyee wɔn a wɔboro Lewifoɔ no so no. 50 Ɔgyegyee sika no firii Israelfoɔ mmakan hɔ, na ɔnyaa nnwetɛbena 1,365, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. 51 Na Mose tiee Yehowa asɛm,* na ɔde agyedeɛ sika no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.