Numeri
2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Israelfoɔ no nkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ baabi a wɔde ama mmusuakuo mmiɛnsa asafo+ a wɔwom no. Obiara ntena baabi a ɛbɛn n’agyanom abusuafie frankaa.* Wɔmma wɔn asoɛeɛ no anim nkyerɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na ɛntwa ho nhyia.
3 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ apueeɛ fam, baabi a awia pue firi no ne mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no. Yuda abusuapanin ne Aminadab ba Naason.+ 4 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 74,600.+ 5 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Isakar abusuakuo no. Isakar abusuapanin ne Suar ba Netanel.+ 6 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 54,400.+ 7 Wɔn a wɔka ho ne Sebulon abusuakuo no. Sebulon abusuapanin ne Helon ba Eliab.+ 8 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 57,400.+
9 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Yuda asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 186,400. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔbɛdi kan atu.+
10 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Ruben+ abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ anaafoɔ fam. Ruben abusuapanin ne Sedeo ba Elisur.+ 11 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 46,500.+ 12 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Simeon abusuakuo no. Simeon abusuapanin ne Surisadai ba Selumiel.+ 13 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 59,300.+ 14 Wɔn a wɔka ho ne Gad abusuakuo no. Gad abusuapanin ne Reuel ba Eliasaf.+ 15 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 45,650.+
16 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Ruben asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 151,450. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔtɔ so mmienu a wɔbɛtu.+
17 “Sɛ wɔde ahyiaeɛ ntomadan no rekɔ a,+ ɛsɛ sɛ Lewifoɔ* no di mmusuakuo a aka no* mfimfini.
“Sɛdeɛ wɔahyehyɛ wɔn ho wɔ asoɛeɛ hɔ no, sɛ wɔrekɔ a, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn ho.+ Obiara nni n’afa sɛdeɛ wɔahyehyɛ mmusuakuo mmiɛnsa asafo a ɔwom no.
18 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Efraim abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ atɔeɛ fam. Efraim abusuapanin ne Amihud ba Elisama.+ 19 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 40,500.+ 20 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Manase+ abusuakuo no. Manase abusuapanin ne Pedasur ba Gamaliel.+ 21 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 32,200.+ 22 Wɔn a wɔka ho ne Benyamin abusuakuo no. Benyamin abusuapanin ne Gideoni ba Abidan.+ 23 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 35,400.+
24 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Efraim asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 108,100. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔto so mmiɛnsa a wɔbɛtu.+
25 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ atifi fam. Dan abusuapanin ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 62,700.+ 27 Wɔn a wɔbɛkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ne nkyɛn ne Aser abusuakuo no. Aser abusuapanin ne Okran ba Pagiel.+ 28 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 41,500.+ 29 Wɔn a wɔka ho ne Naftali abusuakuo no. Naftali abusuapanin ne Enan ba Ahira.+ 30 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 53,400.+
31 “Enti asraafoɔ a wɔwɔ Dan asoɛeɛ hɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa dodoɔ yɛ 157,600. Sɛ wɔretu* afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, wɔn na wɔtwa toɔ a wɔbɛtu,+ sɛdeɛ wɔahyehyɛ mmusuakuo mmiɛnsa asafo a wɔwom no.”
32 Weinom ne Israelfoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din hunuu nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafie biara mu no. Nnipa a wɔwɔ asoɛeɛ ahodoɔ hɔ a wɔbɛtumi ayɛ asraafoɔ, a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 603,550.+ 33 Nanso Lewifoɔ no deɛ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔantwerɛ wɔn din+ anka Israelfoɔ a aka no ho.+ 34 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. Enti sei na na Israel mmusuakuo mmiɛnsa asafo ahodoɔ no+ kyekyere asoɛeɛ na wɔtu firi wɔn asoɛeɛ.+ Ná wɔhyehyɛ wɔn ho mmusua mmusua ne sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ.