Numeri
2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Wɔahyehyɛ Israelfoɔ ayɛ wɔn asafo a mmusua mmiɛnsa+ na ɛwɔ asafo biara mu. Enti Israelfoɔ no ntena baabi a obiara asafo wɔ. Wɔnyɛ saa wɔ bea a wɔn agyanom fie ahyɛnsodeɛ wɔ. Wɔnyɛ wɔn atenaeɛ ahyiaeɛ ntomadan no anim ntwa ho nhyia.
3 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan apueeɛ fam, baabi a awia pue fire no ne mmusua mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano no. Na Yuda abusuapanin ne Aminadab ba Naason.+ 4 Na n’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduɔson nnan ne ahansia.+ 5 Wɔn a wɔbɛtoa ne so wɔ nsraban no mu ne Isakar abusuakuo+ no. Na Isakar abusuapanin ne Suar ba Netanel.+ 6 Na n’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduonum nnan ne ahanan.+ 7 Wɔn a wɔka ho ne Sebulon abusuakuo no. Na Sebulon abusuapanin ne Helon ba Eliab.+ 8 Na n’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduonum nson ne ahanan.+
9 “Enti dɔm a wɔwɔ Yuda nsraban no mu a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan. Wɔn na wɔbɛdi animu.+
10 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan anafoɔ fam ne mmusua mmiɛnsa asafo a Ruben abusuakuo da wɔn ano+ no. Na Ruben abusuapanin ne Sedeo ba Elisur.+ 11 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduanan nsia ne ahanum.+ 12 Wɔn a wɔbɛtoa ne so wɔ nsraban no mu ne Simeon abusuakuo no. Na Simeon abusuapanin ne Surisadai ba Selumiel.+ 13 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduonum nkron ne ahasa.+ 14 Wɔn a wɔka ho ne Gad abusuakuo no. Na Gad abusuapanin ne Reuel ba Eliasaf.+ 15 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduanan nnum, ahansia aduonum.+
16 “Enti dɔm a wɔwɔ Ruben nsraban mu a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha aduonum baako, ahanan aduonum. Wɔn na wɔbɛtɔ so mmienu akorɔ.+
17 “Sɛ ɛba sɛ wɔde ahyiaeɛ ntomadan+ no rekɔ a, Lewifoɔ+ no bɛdi nsraban no mfimfini.
“Sɛdeɛ wɔahyehyɛ wɔn wɔ nsraban no mu no, saa ara na wɔtu a wɔnhyehyɛ wɔn ho,+ obiara nni n’afa. Afã a wɔde ama mmusua mmiɛnsa biara no, saa ara na wɔnni so nkorɔ.
18 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan atɔeɛ fam ne mmusua mmiɛnsa asafo a Efraim abusuakuo da wɔn ano+ no. Na Efraim abusuapanin ne Amihud ba Elisama.+ 19 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduanan ne ahanum.+ 20 Wɔn a wɔbɛtoa ne so wɔ nsraban no mu ne Manase abusuakuo no. Na Manase abusuapanin+ ne Pedasur ba Gamaliel.+ 21 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduasa mmienu ne ahanu.+ 22 Wɔn a wɔka ho ne Benyamin abusuakuo+ no. Na Benyamin abusuapanin ne Gideoni ba Abidan.+ 23 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduasa nnum ne ahanan.+
24 “Enti dɔm a wɔwɔ Efraim nsraban mu a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa ano si mpemha ne nwɔtwe ne ɔha. Wɔn na wɔbɛtɔ so mmiɛnsa akorɔ.+
25 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan atifi fam ne mmusua mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano no. Na Dan abusuapanin ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson.+ 27 Wɔn a wɔbɛtoa ne soɔ ne Aser abusuakuo no. Na Aser abusuapanin ne Okran ba Pagiel.+ 28 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduanan baako ne ahanum.+ 29 Wɔn a wɔka ho ne Naftali abusuakuo+ no. Na Naftali abusuapanin ne Enan ba Ahira.+ 30 N’asafo a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.+
31 “Enti wɔn a wɔwɔ Dan nsraban mu a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia. Wɔn na wɔbɛdi akyire,+ sɛdeɛ mmusua mmiɛnsa asafo ahodoɔ no teɛ.”
32 Yeinom ne Israelfoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn agyanom fie teɛ. Nsraban no nyinaa mufoɔ ne wɔn dɔm a wɔtwerɛɛ wɔn din no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum aduonum.+ 33 Nanso sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ+ no anka Israelfoɔ a aka no ho. 34 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no nyinaa.+ Afã a wɔde maa mmusua mmiɛnsa biara no, saa ara na wɔhyehyɛɛ wɔn ho+ wɔ nsraban no mu, na wɔtu nso a, wɔhyehyɛ wɔn ho saa ara.+ Obiara ne n’abusua ne n’agyanom fie wɔ faako.