15 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no mmra mmɛsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Wei na ɛsɛ sɛ woyɛ de te wɔn ho, na wode wɔn bɔ afɔreɛ sɛ ohim afɔreɛ. 16 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, wɔde Lewifoɔ no ama me. Wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu ama me. Wɔde wɔn asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea.