Numeri
8 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Aaron nkasa, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛ wososɔ nkanea no a, ma nkanea nson no nhyerɛn kaneadua no anim.’”+ 3 Enti deɛ Aaron yɛeɛ nie: Ɔsosɔɔ nkanea no maa ɛhyerɛn kaneadua+ no anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 4 Ɛkwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no nie: Wɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ, ɛnna wɔde yɛeɛ. Ɛfiri ne nan kɔsi ne nhwiren so nyinaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde hamma aboro.+ Sɛdeɛ Yehowa yi kyerɛɛ Mose wɔ anisoadehunu+ mu no, saa ara na wɔyɛɛ kaneadua no.
5 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho.+ 7 Deɛ wobɛyɛ de ate wɔn ho nie: Fa nsuo a wɔde hohoro bɔne petepete wɔn so. Afei ma wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn ntaadeɛ, na wɔnte wɔn ho.+ 8 Wɔwie a, wɔmfa nantwinini kumaa+ ne esiam muhumuhu a wɔde ngo afra a wɔde bɛbɔ ɛho aduane afɔreɛ,+ na fa nantwinini kumaa foforɔ a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 9 Afei fa Lewifoɔ no kɔgyina ahyiaeɛ ntomadan no anim, na ma Israel asafo nyinaa nhyia.+ 10 Sɛ wode Lewifoɔ no bɛgyina Yehowa anim a, Israelfoɔ mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so.+ 11 Afei Aaron mfa Lewifoɔ no mmɔ afɔreɛ* wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ+ a ɛfiri Israelfoɔ no nsam. Ɛno akyi no, Lewifoɔ no nyɛ Yehowa som adwuma.+
12 “Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwinini no apampam.+ Afei fa baako bɔ bɔne ho afɔreɛ, na fa baako a aka no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ma Yehowa fa pata ma Lewifoɔ no bɔne.+ 13 Na ma Lewifoɔ no nnyina Aaron ne ne mma no anim, na fa wɔn bɔ afɔreɛ* sɛ ohim afɔreɛ ma Yehowa. 14 Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu, na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea.+ 15 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no mmra mmɛsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Wei na ɛsɛ sɛ woyɛ de te wɔn ho, na wode wɔn bɔ afɔreɛ* sɛ ohim afɔreɛ. 16 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, wɔde Lewifoɔ no ama me. Wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu ama me. Wɔde wɔn asi Israelfoɔ mmakan* nyinaa anan,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea. 17 Ɛfiri sɛ Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Ɛda a mekunkum abakan biara wɔ Egypt asaase so no, saa da no na mehyiraa wɔn so faeɛ.+ 18 Mede Lewifoɔ bɛsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. 19 Na mɛyi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu de wɔn ama Aaron ne ne mma ama wɔasom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu ama Israelfoɔ no.+ Na wɔbɛpata ama Israelfoɔ no bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no remmɛn kronkronbea hɔ, na asiane bi ankɔto wɔn.”+
20 Na Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa. Biribiara a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifoɔ no, saa ara na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn. 21 Enti Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔsii wɔn ntaadeɛ.+ Berɛ a wɔwieeɛ no, Aaron de Lewifoɔ no bɔɔ afɔreɛ* wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ.+ Afei Aaron pata maa wɔn bɔne de tee wɔn ho.+ 22 Ɛno akyi no, Lewifoɔ no kɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ Aaron ne ne mma anim. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifoɔ no, saa ara na wɔyɛɛ wɔn.
23 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma Lewifoɔ nie: Mmarima a wɔadi mfeɛ 25 rekɔ no bɛkɔ akɔka wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu no ho ne wɔn ayɛ adwuma. 25 Nanso sɛ obi di mfeɛ 50 a, ɔbɛfiri adwumayɛfoɔ no mu, na ɔrenyɛ adwuma no bio. 26 Sɛ ɔpɛ a, ɔbɛtumi ayɛ adwuma aboa ne nuanom a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no, nanso ɔsom adwuma no deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bi. Wei na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ Lewifoɔ no ne wɔn dwumadie ho.”+