50 Fa ɔsom ntomadan a Adanseɛ Abopono*+ no wom no, ne emu nneɛma nyinaa, ne ɛho nneɛma nyinaa hyɛ Lewifoɔ no nsa.+ Wɔn na wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa,+ na wɔasom wɔ hɔ.+ Wɔnkyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ ɔsom ntomadan no ho nhyia.+
2 Afei Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sisii wɔn nnwuma so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ,+ ekuo biara ne sɛdeɛ emu asɔfoɔ ne Lewifoɔ som teɛ,+ sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ, na wɔnsom na wɔmfa aseda ne ayeyie mma Yehowa wɔ n’asɔrefie.*+