-
Numeri 4:24-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa nie:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ho ntoma,+ ne ahyiaeɛ ntomadan no ho ntoma, ne ne nkatasoɔ, ne sukraman nwoma nkatasoɔ a ɛgu so,+ ne ntoma a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ 26 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ntoma* a ɛwɔ adihɔ no ano,+ adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma.
-
-
Numeri 4:31-33Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nie:+ wɔbɛsoa ɔsom ntomadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinasoɔ,+ 32 adum+ a atwa adihɔ no ho ahyia, ne adum no nnyinasoɔ,+ ne nnua a wɔde bɔ ntomadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhoma ne emu nneɛma nyinaa, ne weinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Wei ne adwuma a Merarifoɔ mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+
-