6 Nanso berɛ a wɔduruu Nakon ayuporobea hɔ no, Ussa tenee ne nsa sɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no mu,+ ɛfiri sɛ anka anantwie no redane ahwe hɔ. 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu Ussa, na nokorɛ Nyankopɔn no bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa,+ na ɔwuu wɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no ho.