Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 15
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Mfeɛ nson biara awieeɛ no, fa ɛka kyɛ (1-6)

      • Boa ohiani (7-11)

      • Mfeɛ nson biara awieeɛ no, gyaa nkoa ma wɔnkɔ (12-18)

        • Bɔ akoa asom tokuro (16, 17)

      • Hyira wo mmoa a wɔyɛ mmakan so (19-23)

Deuteronomium 15:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:2

Deuteronomium 15:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 31:10

Deuteronomium 15:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:43; De 14:21; 23:20

Deuteronomium 15:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:8

Deuteronomium 15:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 1:7, 8; Yes 1:19

Deuteronomium 15:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:12
  • +De 28:13; 1Ah 4:24, 25

Deuteronomium 15:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:13; Yak 2:15, 16; 1Yo 3:17

Deuteronomium 15:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:35; Mme 19:17; Mt 5:42; Lu 6:34, 35; Ga 2:10

Deuteronomium 15:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 15:1
  • +Ex 22:22, 23; De 24:14, 15; Mme 21:13

Deuteronomium 15:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɛnsɛ sɛ w’akoma yɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:35; 2Ko 9:7; 1Ti 6:18; Heb 13:16
  • +De 24:19; Dw 41:1

Deuteronomium 15:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 26:11
  • +Mme 3:27; Mt 5:42; Lu 12:33

Deuteronomium 15:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:2; Le 25:39

Deuteronomium 15:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Deuteronomium 15:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:5, 6

Deuteronomium 15:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “nantwinini.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 13:2; 22:30; Nu 3:13; 18:15, 17

Deuteronomium 15:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6; 14:23; 16:11

Deuteronomium 15:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:20; De 17:1; Mal 1:8; Heb 9:14

Deuteronomium 15:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “w’apono.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:15; 14:4, 5

Deuteronomium 15:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:4; Le 7:26; Aso 15:20, 29
  • +Le 17:10, 13; De 12:16

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 15:1Le 25:2
Deut. 15:2De 31:10
Deut. 15:3Ex 12:43; De 14:21; 23:20
Deut. 15:4De 28:8
Deut. 15:5Yos 1:7, 8; Yes 1:19
Deut. 15:6De 28:12
Deut. 15:6De 28:13; 1Ah 4:24, 25
Deut. 15:7Mme 21:13; Yak 2:15, 16; 1Yo 3:17
Deut. 15:8Le 25:35; Mme 19:17; Mt 5:42; Lu 6:34, 35; Ga 2:10
Deut. 15:9De 15:1
Deut. 15:9Ex 22:22, 23; De 24:14, 15; Mme 21:13
Deut. 15:10Aso 20:35; 2Ko 9:7; 1Ti 6:18; Heb 13:16
Deut. 15:10De 24:19; Dw 41:1
Deut. 15:11Mt 26:11
Deut. 15:11Mme 3:27; Mt 5:42; Lu 12:33
Deut. 15:12Ex 21:2; Le 25:39
Deut. 15:16Ex 21:5, 6
Deut. 15:19Ex 13:2; 22:30; Nu 3:13; 18:15, 17
Deut. 15:20De 12:5, 6; 14:23; 16:11
Deut. 15:21Le 22:20; De 17:1; Mal 1:8; Heb 9:14
Deut. 15:22De 12:15; 14:4, 5
Deut. 15:23Ge 9:4; Le 7:26; Aso 15:20, 29
Deut. 15:23Le 17:10, 13; De 12:16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 15:1-23

Deuteronomium

15 “Mfeɛ nson biara awieeɛ no, fa ɛka biara kyɛ.+ 2 Ɛho akwankyerɛ nie: Obiara mfa ɛka a ne yɔnko de no no nkyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko anaa ne nua ka, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ berɛ a wɔde ɛka kyɛ wɔ Yehowa anim.+ 3 Wobɛtumi adan ɔhɔhoɔ ka,+ nanso wo nua deɛ, ɛka biara a ɔde wo no, fa kyɛ no. 4 Ɛnsɛ sɛ ɛhia obi wɔ wo kurom, ɛfiri sɛ Yehowa bɛhyira wo+ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ no so, 5 nanso gye sɛ wotie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wodi ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+ 6 Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wode nneɛma bɛfɛm aman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm hwee;+ na wobɛdi aman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.+

7 “Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimuɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ ne so.+ 8 Bue wo nsam ma no+ na fa deɛ ɔhia biara fɛm no. 9 Hwɛ yie na adwemmɔne amma w’akomam sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛtɔ so nson a wɔde ɛka kyɛ no aduru.’+ Sɛ wodwene saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimuɔden. Ɛba saa a, wo nti ɔbɛsu afrɛ Yehowa na ɛbɛdane bɔne ama wo.+ 10 Yi wo yam pɛ biribi ma no,+ na ɛnsɛ sɛ woyɛ* no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so, na ɔbɛhyira deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara nso.+ 11 Hu sɛ ohiani rempa w’asaase so.+ Wei nti mereka akyerɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa deɛ ahia no wɔ w’asaase so.’+

12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa ma wo, na ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no ma no nkɔ.+ 13 Na sɛ wogyaa no a, mma no mmfa nsapan nnkɔ. 14 Yi wo yam fa wo nnwan, wo nnɔbaeɛ, wo ngo, ne wo nsã* no bi gya no kwan. Sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nso pɛ biribi ma no. 15 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so, na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo. Ɛno nti na ɛnnɛ mede mmara yi rema wo sɛ di so no.

16 “Nanso sɛ ɔdɔ wo ne wo fiefoɔ, na ɔte nka sɛ wo nkyɛn a ɔte nti ɔwɔ anigyeɛ a, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mempɛ sɛ mefiri wo nkyɛn!’+ 17 Ɛba saa a, fa no kɔgyina ɛpono ho na fa adeɛ a wɔde bɔ tokuro bɔ n’asom tokuro ma no nyɛ w’akoa afebɔɔ. Sɛ ɔyɛ afenaa nso a, yɛ no saa ara. 18 Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgyaa no ama no akɔ, ɛfiri sɛ adwuma a ɔde mfeɛ nsia yɛeɛ no te sɛ apaafoɔ mmienu adwuma; afei nso, Yehowa wo Nyankopɔn ahyira deɛ woayɛ biara so.

19 “Hyira w’adwennini ne w’anantwinini a wɔyɛ mmakan no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwie* a ɔyɛ abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo dwan a ɔyɛ abakan ho nwi. 20 Afe biara, wo ne wo fiefoɔ nwe no Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ.+ 21 Nanso sɛ aboa no atɔ apakye, n’ani abɔ, anaa wadi dɛm foforɔ biara a, mfa no mmɔ afɔreɛ mma Yehowa wo Nyankopɔn.+ 22 We no wo kuro* mu. Obi a ne ho nte ne deɛ ne ho te nyinaa bɛtumi awe bi, sɛdeɛ motumi we ɔtwe anaa wansane no.+ 23 Nanso hwɛ na woanni ne mogya.+ Hwie gu fam sɛ nsuo.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane