Exodus 12:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Twam no ho ahyɛdeɛ nie: Ɛnsɛ sɛ ɔhɔhoɔ biara di bi.+ Deuteronomium 14:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mobɛtumi de ama ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro* mu ama no awe, anaa mobɛtumi atɔn ama ɔman foforɔ muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn. “Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+ Deuteronomium 23:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wobɛtumi agye hɔhoɔ nsiho,+ nanso wo nua deɛ, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ wɔ asaase a worekɔtena so no so.+
21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mobɛtumi de ama ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro* mu ama no awe, anaa mobɛtumi atɔn ama ɔman foforɔ muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn. “Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+
20 Wobɛtumi agye hɔhoɔ nsiho,+ nanso wo nua deɛ, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ wɔ asaase a worekɔtena so no so.+