Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Mommfa ɔkwammɔne so nnni owufoɔ ho awerɛhoɔ (1, 2)

      • Nnuane a ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ (3-21)

      • Nkyɛmu du mu baako yɛ Yehowa dea (22-29)

Deuteronomium 14:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “moanyi mo ani ntam nwi.” Anaa “moanyi mo moma so nwi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:28; 21:1, 5

Deuteronomium 14:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “n’agyapadeɛ a ɛda n’akoma so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:2; 20:26; De 28:9; 1Pe 1:15
  • +Ex 19:5, 6; De 7:6

Deuteronomium 14:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:43; 20:25; Aso 10:14

Deuteronomium 14:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:2, 3

Deuteronomium 14:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:4-8

Deuteronomium 14:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:9, 10

Deuteronomium 14:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:13-20

Deuteronomium 14:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ntuboa.”

Deuteronomium 14:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mo apono.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:31; Le 17:15
  • +Ex 23:19; 34:26

Deuteronomium 14:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “taet.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:11; 26:12

Deuteronomium 14:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 17; 15:19, 20
  • +Dw 111:10

Deuteronomium 14:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6

Deuteronomium 14:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wo kra kɔn bɛdɔ.”

  • *

    Anaa “biribiara a wo kra pɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:7; 26:11; Dw 100:2

Deuteronomium 14:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 18:21; 2Be 31:4; 1Ko 9:13
  • +Nu 18:20; De 10:9

Deuteronomium 14:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 26:12

Deuteronomium 14:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:21; De 10:18; Yak 1:27
  • +De 15:10; Dw 41:1; Mme 11:24; 19:17; Mal 3:10; Lu 6:35

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 14:1Le 19:28; 21:1, 5
Deut. 14:2Le 19:2; 20:26; De 28:9; 1Pe 1:15
Deut. 14:2Ex 19:5, 6; De 7:6
Deut. 14:3Le 11:43; 20:25; Aso 10:14
Deut. 14:4Le 11:2, 3
Deut. 14:7Le 11:4-8
Deut. 14:9Le 11:9, 10
Deut. 14:12Le 11:13-20
Deut. 14:21Ex 22:31; Le 17:15
Deut. 14:21Ex 23:19; 34:26
Deut. 14:22De 12:11; 26:12
Deut. 14:23De 12:5, 17; 15:19, 20
Deut. 14:23Dw 111:10
Deut. 14:24De 12:5, 6
Deut. 14:26De 12:7; 26:11; Dw 100:2
Deut. 14:27Nu 18:21; 2Be 31:4; 1Ko 9:13
Deut. 14:27Nu 18:20; De 10:9
Deut. 14:28De 26:12
Deut. 14:29Ex 22:21; De 10:18; Yak 1:27
Deut. 14:29De 15:10; Dw 41:1; Mme 11:24; 19:17; Mal 3:10; Lu 6:35
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 14:1-29

Deuteronomium

14 “Yehowa mo Nyankopɔn mma ne mo. Monhwɛ na obi a wawu nti, moantwitwa mo ho akam anaa moanyi mo ani akyi nwi.*+ 2 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron+ ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+

3 “Nni akyiwadeɛ biara.+ 4 Mmoa a mobɛtumi awe nie:+ nantwie, odwan, apɔnkye, 5 wansane, ɔtwe, ɔkwaduo, eyuo, adowa, wuram dwan, ne bepɔ so dwan. 6 Mobɛtumi awe aboa biara a ne nan mu apae mmienu na ɔpu wesa. 7 Mmoa a wɔpu wesa anaa wɔn nan mu apae a ɛnsɛ sɛ mowe nie: yoma, adanko, ne nkukuban, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn nan mu mpaee mmienu. Wɔn ho nte mma mo.+ 8 Bio nso, monnwe prako, ɛfiri sɛ ne nan mu apae mmienu deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. Monnwe wɔn nam, na monnsɔ wɔn afunu mu.

9 “Nsuo mu mmoa a mobɛtumi awe nie: Aboa biara a ntɛtɛ ne abena wɔ ne ho deɛ, mobɛtumi awe.+ 10 Deɛ ɔnni ntɛtɛ anaa abena deɛ, monnwe. Ne ho nte mma mo.

11 “Mobɛtumi awe anomaa biara a ne ho teɛ. 12 Nanso weinom deɛ, monnwe: ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, pɛtɛ tuntum,+ 13 ɔkompɛtɛ, ɔkom, asansa ahodoɔ nyinaa bi, 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa bi, 15 sohori, patuo, asomfena, nkorɔma ahodoɔ nyinaa bi, 16 patuo ketewa, patuo asotenten, suborɔkokɔ, 17 nsuo so dabodabo, pɛtɛ, ɛpo so anene, 18 asukɔnkɔn, nsunoma ahodoɔ nyinaa bi, asɔkwaa, ne apan. 19 Afei nso, mmoa nketenkete* a wɔtu biara ho nte mma mo. Monnwe. 20 Mobɛtumi awe mmoa a wɔtu a wɔn ho te nyinaa.

21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mobɛtumi de ama ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro* mu ama no awe, anaa mobɛtumi atɔn ama ɔman foforɔ muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.

“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+

22 “Afe biara fa w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa so ntotosoɔ du du* bra.+ 23 Fa wo hwiit nkyɛmu du mu baako, wo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, wo ngo mu nkyɛmu du mu baako, ne w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+ Fa bra bɛdi no n’anim na ama woasua sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+

24 “Ebia na baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛto no+ ware dodo sɛ wobɛsoa nneɛma no akɔ hɔ (ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo). 25 Ɛba saa a, yɛ no sika na kyekyere kura kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no. 26 Woduru hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kɔn bɛdɔ:* anantwie, nnwan, mpɔnkye, bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ. Biribiara a wopɛ* no, fa bra bɛdi no Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefoɔ nyinaa ani nnye.+ 27 Na Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ mo mu.+

28 “Mfeɛ mmiɛnsa biara ba awieeɛ a, fa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no nnɔbaeɛ a wonyaeɛ nyinaa mu nkyɛmu du mu baako bra wo kurom.+ 29 Ɛsiane sɛ Lewifoɔ annya kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ mo mu nti, wɔne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu, nnyanka, ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu no bɛba abɛdi amee,+ na deɛ moyɛ nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn bɛhyira so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane