5 Enti sɛ motie me wɔ biribiara mu na modi m’apam so a, ɛnneɛ mobɛyɛ m’agyapadeɛ titire* wɔ aman nyinaa mu,+ ɛfiri sɛ asaase nyinaa yɛ me dea.+6 Na mobɛyɛ ahemman a emufoɔ yɛ asɔfoɔ ne ɔman kronkron ama me.’+ Nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”
6 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+