6 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+
9 Nanso mo deɛ, moyɛ “abusua a wɔayi mo, adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron,+ nnipa a Onyankopɔn de mo ayɛ ɔno ara n’agyapadeɛ,+ sɛ monka” deɛ ɔfrɛɛ mo firii sum mu baa ne hann nwanwasoɔ+ mu no “nneyɛɛ pa* nkyerɛ.”+
9 Na wɔtoo dwom foforɔ+ sɛ: “Wofata sɛ wogye nwoma mmobɔeɛ no na wotete n’ahyɛnsodeɛ no, ɛfiri sɛ wɔkum wo na wode wo mogya tɔɔ nnipa+ firii abusua ne kasa* ne nkurɔfoɔ ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfoɔ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.”+