Exodus
19 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, saa da no ara na wɔkɔduruu Sinai serɛ so. 2 Wɔtu firii Refidim+ kɔɔ Sinai serɛ so, na wɔsoɛɛ wɔ hɔ. Bepɔ no anim na Israelfoɔ no soɛeɛ.+
3 Afei Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔgyinaa nokorɛ Nyankopɔn no anim, na Yehowa frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ:+ “Ka kyerɛ Yakob fie, na ma Israelfoɔ no aso nte sɛ, 4 ‘Mo ara moahu deɛ mede yɛɛ Egyptfoɔ no;+ mesoaa mo sɛdeɛ ɔkɔdeɛ soa ne mma wɔ ne ntaban so de mo baa me nkyɛn.+ 5 Enti sɛ motie me wɔ biribiara mu na modi m’apam so a, ɛnneɛ mobɛyɛ m’agyapadeɛ titire* wɔ aman nyinaa mu,+ ɛfiri sɛ asaase nyinaa yɛ me dea.+ 6 Na mobɛyɛ ahemman a emufoɔ yɛ asɔfoɔ ne ɔman kronkron ama me.’+ Nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”
7 Enti Mose kɔeɛ, na ɔfrɛɛ ɔman no mu mpanimfoɔ no de asɛm a Yehowa kaeɛ no nyinaa too wɔn anim.+ 8 Ɛnna ɔman no nyinaa boom buaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”+ Ntɛm ara, Mose san kɔɔ Yehowa hɔ de asɛm a ɔman no kaeɛ no kɔtoo n’anim. 9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mɛba wo nkyɛn wɔ mununkum tumm mu na sɛ me ne wo rekasa a, ɔman no ate, na ama wɔagye wo nso adi berɛ nyinaa.” Ɛnna Mose de asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no too Yehowa anim.
10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ɛnnɛ ne ɔkyena wɔnnwira* wɔn ho, na wɔnhwɛ sɛ wɔbɛsi wɔn ntaadeɛ. 11 Afei wɔnsiesie wɔn ho mma da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɛfiri sɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no Yehowa bɛsiane aba Sinai Bepɔ so wɔ ɔman no nyinaa anim. 12 To hyeɛ fa bepɔ no ho nyinaa ma nkurɔfoɔ no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ yie na moamforo amma bepɔ no so, na monhwɛ na moamma ho amfa mo nsa ammɛka. Deɛ ɔde ne nsa bɛka bepɔ no, wɔbɛku no. 13 Onii a ɔbɛbu mmara no so no, mma obiara mmfa ne nsa nnsɔ ne mu, mmom wɔnsi no aboɔ anaa wɔnto adeɛ nwɔ no.* Aboa oo, onipa oo, ɔrentena ase.’+ Sɛ wɔte abɛn* nnyegyeeɛ a,+ wɔmmra bepɔ no ho.”
14 Afei Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na ɔfirii aseɛ dwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntaadeɛ.+ 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monsiesie mo ho mma da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Ɔbarima biara nhwɛ na ɔne ne yere anna.”*
16 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam paapaeeɛ, na mununkum kusuu+ bɛkataa bepɔ no so, na abɛn bi gyegyee dendeenden, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ no nyinaa ho popoeɛ.+ 17 Afei Mose de ɔmanfoɔ no firii asoɛeɛ hɔ bɛgyinaa bepɔ no ase sɛ wɔrebɛhyia nokorɛ Nyankopɔn no. 18 Na wisie bɛkataa Sinai Bepɔ nyinaa so te sɛ fononoo mu wisie, ɛfiri sɛ Yehowa nam egya mu+ siane baa so, na bepɔ no nyinaa wosoo dendeenden.+ 19 Berɛ a abɛn no ano yɛɛ den paa no, Mose kasaeɛ, na nokorɛ Nyankopɔn no de nne kɛseɛ gyee so.
20 Enti Yehowa siane baa Sinai Bepɔ no atifi. Afei Yehowa frɛɛ Mose sɛ ɔmmra bepɔ no so, na Mose foro kɔeɛ.+ 21 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔbɔ nkurɔfoɔ no kɔkɔ sɛ mma wɔnnyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɛn Yehowa abɛhwɛ no, anyɛ saa a wɔn mu pii bɛwuwu. 22 Na asɔfoɔ a wɔba Yehowa anim daa no, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnte wɔn ho, na Yehowa anku wɔn.”+ 23 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ɔman no rentumi mma Sinai Bepɔ so, ɛfiri sɛ woabɔ yɛn kɔkɔ dada sɛ, ‘To hyeɛ fa bepɔ no ho nyinaa, na yɛ no kronkron.’”+ 24 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Si fam kɔ na sɛ woreba a, wo ne Aaron mforo mmra; nanso mma asɔfoɔ no ne ɔman no mmforo mmma Yehowa nkyɛn na wanku wɔn.”+ 25 Enti Mose siane kɔɔ ɔman no nkyɛn kɔbɔɔ wɔn amanneɛ.