-
Exodus 24:17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Ná Israelfoɔ no rehwɛ Yehowa animuonyam no wɔ bepɔ no so, na na wɔhu no te sɛ egya bi a ɛredɛre.
-
-
2 Berɛsosɛm 7:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Berɛ a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ,+ egya firi soro+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔdeɛ no nyinaa, na Yehowa animuonyam hyɛɛ fie no ma.+ 2 Yehowa animuonyam a ɛhyɛɛ Yehowa fie no ma nti, asɔfoɔ no antumi anwura Yehowa fie no mu.+ 3 Berɛ a egya no firi soro baeɛ, na Yehowa animuonyam baa efie no so no, Israel mma nyinaa hunuiɛ, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam ɛkwan a aboɔ sam so no so, na wɔdaa Yehowa ase sɛ, “ɔyɛ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”
-