Exodus
20 Afei Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:+
2 “Mene Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+ 3 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+
4 “Nyɛ ohoni a wɔasene biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asaase ase nsɛsoɔ biara mfa.+ 5 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so, 6 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara so+ deɛ, meda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.
7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa remma deɛ ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+
8 “Kae Homeda no na yɛ no kronkron.+ 9 Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ,+ 10 nanso da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara; wo ankasa oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’afieboa oo, ɔhɔhoɔ a ɔte wo kurom* oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.+ 11 Ɛfiri sɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne ɛhɔ nneɛma, asaase ne ɛso nneɛma, ne ɛpo ne emu nneɛma nyinaa, na da a ɛtɔ so nson no, ɔfirii aseɛ homeeɛ.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa Homeda so yɛɛ no kronkron no.
12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na woanyini akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+
16 “Nni wo yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.*+
17 “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa, n’afenaa, ne nantwie, anaa n’afunumu. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+
18 Afei nkurɔfoɔ no nyinaa huu anyinam ne bepɔ a ɛrefiri wisie no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyegyeeɛ no. Berɛ a wɔhunuiɛ no, wɔn ho popoeɛ na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.+ 19 Enti wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo deɛ, wo ne yɛn nkasa na yɛbɛtie, na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa na yɛanwuwu.”+ 20 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na ama moasuro no daa, na moanyɛ bɔne.”+ 21 Na ɔman no kɔɔ so gyinaa akyirikyiri, nanso Mose bɛnee mununkum tumm no, faako a nokorɛ Nyankopɔn no wɔ no.+
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Mo ara moahu sɛ ɔsoro na mefiri ne mo kasaeɛ.+ 23 Monnyɛ dwetɛ anyame nnsom wɔn nnka me ho, na monnyɛ sika kɔkɔɔ anyame biara.+ 24 Fa dɔteɛ yɛ afɔrebukyia ma me, na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ afɔreɛ wɔ so, na ɛso na wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ. Baabiara a mɛma wɔakae me din no,+ mɛba wo nkyɛn abɛhyira wo. 25 Sɛ wode aboɔ reyɛ afɔrebukyia ama me a, mfa nnwinnadeɛ nse ho.*+ Sɛ wode kyesel ka pɛ, woagu ho fĩ. 26 Afei ɛnsɛ sɛ woyɛ stɛps a wode bɛforo akɔ m’afɔrebukyia no so na wo ho angu hɔ wɔ so.’*