-
Deuteronomium 5:7-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+
8 “‘Nyɛ ohoni a wɔasene biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asaase ase nsɛsoɔ biara mfa. 9 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so,+ 10 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara so deɛ, meda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.
-