15 “Enti monhwɛ mo ho* yie, ɛfiri sɛ da a Yehowa firi gya mu ne mo kasaa wɔ Horeb no, moanhu obiara. 16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakyeɛ ankɔyɛ honi a wɔasene anaa adeɛ biara nsɛsoɔ. Monnyɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara nsɛsoɔ,+
23 Monhwɛ yie na mo werɛ amfi apam a Yehowa mo Nyankopɔn ne mo ayɛ no,+ na monhwɛ na moankɔyɛ honi a wɔasene biara anaa biribiara a Yehowa mo Nyankopɔn abara mo no nsɛsoɔ.+
15 “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene+ anaa dadeɛ honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwadeɛ+ a odwumfoɔ de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, ‘Amen!’*)