Exodus 34:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nkoto onyame foforɔ biara,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛ obi a ɔmpɛ* sɛ wɔsom obiara ka ne ho.* Ampa, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Deuteronomium 4:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye adeɛ;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Yesaia 42:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Mene Yehowa. Me din ne no;Meremfa m’animuonyam mma obiara,*Na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.+ Mateo 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
14 Nkoto onyame foforɔ biara,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛ obi a ɔmpɛ* sɛ wɔsom obiara ka ne ho.* Ampa, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+
10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+