-
Exodus 20:3-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+
4 “Nyɛ ohoni a wɔasene biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asaase ase nsɛsoɔ biara mfa.+ 5 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so, 6 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara so+ deɛ, meda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.
-