Exodus
21 “Atemmusɛm a fa kɔto wɔn anim nie:+
2 “Sɛ wotɔ Hebrini sɛ akoa a,+ ɔbɛsom wo mfeɛ nsia, nanso sɛ mfeɛ nsia no so ma afe a ɛtɔ so nson no duru a, ɔbɛfa ne ho adi a ɔrentua hwee.+ 3 Sɛ ɔno nko ara na ɔbaeɛ a, ɔno nko ara na ɔbɛkɔ. Na sɛ ɔne ne yere na ɛbaeɛ a, ɔne ne yere no bɛkɔ. 4 Nanso sɛ ne wura ma no ɔbaa ware na ɔne no wo mma mmarima anaa mma mmaa a, ɛnneɛ ne wura no bɛgye ɔbaa no ne mmɔfra no, na ɔno nko ara akɔ.+ 5 Na sɛ akoa no ka sɛ, ‘Medɔ me wura ne me yere ne me mma, enti mempɛ ahofadie biara’ a,+ 6 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim na ɔmfa no nnyina ɛpono anaa aponnwa ho. Afei ne wura no mfa adeɛ a wɔde bɔ tokuro mmɔ n’asom tokuro na ɔnyɛ n’akoa afebɔɔ.
7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, ɔremfiri ne wura no nkyɛn nkɔ sɛdeɛ ɔbarima a ɔyɛ akoa kɔ no. 8 Sɛ afenaa no wura ani nnye ne ho na ɔmpɛ sɛ ɔfa no sɛ ne mpena* na mmom ɔpɛ sɛ ɔtɔn no ma obi* a, ɔnni hokwan sɛ ɔtɔn no ma hɔhoɔ, ɛfiri sɛ wadaadaa ɔbaa no. 9 Na sɛ ɔde no ma ne babarima a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛ ne babaa. 10 Sɛ ɔware ɔbaa foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte ne yere a ɔdi kan no aduane ne ne ntoma so. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔma no deɛ ɛsɛ wɔ awareɛ mu.*+ 11 Sɛ wamma no nneɛma mmiɛnsa yi a, ɛnneɛ ɔbaa no bɛfa ne ho adi a ɔrentua sika biara.
12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi ama no awu no, wɔnku ɔno nso.+ 13 Nanso sɛ wanhyɛ da, na nokorɛ Nyankopɔn no na ɔmaa kwan maa no sii a, ɛnneɛ mɛma mo baabi a ɔbɛdwane akɔ.+ 14 Sɛ obi bo fu ne yɔnko na ɔhyɛ da ku no a,+ ɛsɛ sɛ wɔku no; sɛ ɔwɔ m’afɔrebukyia ho mpo a, twe no firi hɔ kɔku no.+ 15 Obiara a ɔbɛbɔ ne papa anaa ne maame no, wɔnku no.+
16 “Sɛ obi kye onipa bi sie+ na ɔkɔtɔn no, anaasɛ wɔkɔhu onipa no wɔ ne nkyɛn a,+ wɔnku deɛ ɔyɛɛ saa no.+
17 “Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, wɔnku no.+
18 “Sɛ mmarima reko na baako de boɔ anaa ne nsa* bɔ ne yɔnko na sɛ wanwu nanso ɛka no to mpa so a, deɛ monyɛ nie: 19 Sɛ ɔtumi sɔre de poma nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔpiraa no no bɛfa ne ho adi. Berɛ a ɔpiraeɛ a wantumi anyɛ adwuma no nko ara ho mpata na ɔbɛtua akɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no koraa.
20 “Sɛ obi de abaa bɔ n’akoa anaa n’afenaa ma no wu wɔ ne nsam a, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔku no.+ 21 Nanso sɛ wanwu wɔ da koro anaa nnanu ntam a, ɛnneɛ wɔrentwe ne wura no aso, ɛfiri sɛ ɔno ara na ɔtee sika tɔɔ no.
22 “Sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfoɔ ma ɔwo prɛko pɛ*+ nanso owuo* amfiri mu amma a, ɛsɛ sɛ wɔgye deɛ ɔkɔpem no no hɔ mpata biara a ɔbaa no kunu bɛbisa. Ɛsɛ sɛ ɔtua fa atemmufoɔ no so.+ 23 Nanso sɛ owuo firi mu ba a, ɛnneɛ momma nkwa nsi nkwa* ananmu,+ 24 aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+ 25 Sɛ obi de adeɛ hye obi oo, ɔpira no oo, ɔhwe no oo, monyɛ no saa bi ntua ka.
26 “Sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa ani ma n’ani no sɛe a, ɛsɛ sɛ ɔgyaa no ma no kɔ de tua n’ani no ka.+ 27 Na sɛ ɔbɔ n’akoa anaa n’afenaa ma ne se tu a, ɛsɛ sɛ ɔgyaa no ma no kɔ de tua ne se no ka.
28 “Sɛ nantwie bi pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ nku no,+ na ɛnsɛ sɛ wɔwe ne nam. Ne wura no deɛ, ɔbɛfa ne ho adi. 29 Nanso sɛ nantwie bi taa pempem nkurɔfoɔ na wɔaka akyerɛ ne wura, nanso wamma n’ani ankɔ ne ho, na ɔkɔkum ɔbarima anaa ɔbaa bi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na wɔnku ne wura no nso. 30 Sɛ wɔka sɛ ɔntua agyedeɛ* bi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɛgye no no, ɛsɛ sɛ ɔtua de gye ne ho nkwa.* 31 Sɛ ɔpem ɔbabarima oo, ɔbabaa oo, wɔne nantwie no wura bɛdi sɛdeɛ atemmusɛm yi kyerɛ. 32 Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, nantwie no wura bɛtua nnwetɛbena* 30 ama akoa no wura, na wɔbɛsi nantwie no aboɔ aku no.
33 “Sɛ obi bue amena bi so anaa ɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu bi kɔtɔ mu a, 34 ɛsɛ sɛ amena no wura no tua nantwie no ka ma aboa no wura.+ Wɔbɛma amena no wura afa aboa a wawu no. 35 Sɛ obi nantwie kɔpem onipa foforɔ nantwie ma no wu a, wɔntɔn deɛ ɔnwuiɛ no na wɔnkyɛ sika no; afei nantwie a wawu no nso, wɔnkyɛ mu. 36 Nanso sɛ wɔnim nantwie no sɛ ɔtaa pempem mmoa foforɔ na sɛ ne wura amma n’ani ankɔ ne ho a, ɔmfa nantwie nsi nantwie no ananmu, na ɔmfa deɛ wawu no.