16 “Nanso sɛ ɔdɔ wo ne wo fiefoɔ, na ɔte nka sɛ wo nkyɛn a ɔte nti ɔwɔ anigyeɛ a, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mempɛ sɛ mefiri wo nkyɛn!’+ 17 Ɛba saa a, fa no kɔgyina ɛpono ho na fa adeɛ a wɔde bɔ tokuro bɔ n’asom tokuro ma no nyɛ w’akoa afebɔɔ. Sɛ ɔyɛ afenaa nso a, yɛ no saa ara.