5 Na sɛ akoa no ka sɛ, ‘Medɔ me wura ne me yere ne me mma, enti mempɛ ahofadie biara’ a,+ 6 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim na ɔmfa no nnyina ɛpono anaa aponnwa ho. Afei ne wura no mfa adeɛ a wɔde bɔ tokuro mmɔ n’asom tokuro na ɔnyɛ n’akoa afebɔɔ.