Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 35:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Monyi nkuro a ɛyɛ ma mo, na momfa nyɛ dwankɔbea nkuro. Sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, ɛhɔ na ɔnnwane nkɔ.+

  • Numeri 35:22-25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 “‘Nanso sɛ wanhyɛ da anaa ɛnyɛ ne ho tan nti na ɔpiaa no anaa ɛnyɛ adwemmɔne nti* na ɔtoo biribi bɔɔ no,+ 23 anaa wanhu no na ɔmaa ɛboɔ bɛhwee ne so maa no wuiɛ, na sɛ ɔntan no anaa ɔmpɛ no bɔne a, 24 ɛnneɛ asafo no nnyina saa akwankyerɛ yi so mmu deɛ wakum nipa no ne deɛ wɔaku no no busuani* no ntam atɛn.+ 25 Na asafo no nnye deɛ wakum nipa no mfiri deɛ wɔaku no no busuani no nsam, na wɔnsan mfa no nkɔ dwankɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔde ngo kronkron asra no+ no bɛwu.

  • Deuteronomium 4:42
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 42 Saa nkuro yi baako mu na sɛ obi nsa pa na ɔku ne yɔnko na ɔnyɛ obi a ɔtan no dada a,+ ɛsɛ sɛ ɔdwane kɔ, na wanya nkwa.+

  • Deuteronomium 19:3-5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Kyɛ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no mu mmiɛnsa, na siesie akwan a ɛkɔ nkuro no mu no, na sɛ obi kum onipa a, watumi adwane akɔ nkuro no baako mu.

      4 “Sɛ obi kum onipa a, deɛ ɛbɛma no adwane akɔ hɔ akɔnya ne tiri adidi mu ne sɛ, wanhyɛ da na ɔkum ne yɔnko no, na na ɔntan no dada.+ 5 Ebi ne sɛ ebia obi ne ne yɔnko akɔ anyina na wama akuma so sɛ ɔretwa gya wɔ wuram na dadeɛ no ahɔn afiri dua no so abɛbɔ ne yɔnko no akum no. Ɛba saa a, deɛ wakum onipa no nnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa.+

  • Yosua 20:7-9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Enti wɔhyiraa nkuro yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔ mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔ mu. 8 Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ nso, wɔyii Beser+ a ɛwɔ serɛ so no firii Ruben abusuakuo mu. Ná saa serɛ no wɔ bepɔ so asaase tratra no so. Wɔyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead firii Gad abusuakuo mu, ɛnna wɔyii Golan+ a ɛwɔ Basan firii Manase abusuakuo mu.+

      9 Weinom ne nkuro a wɔyi maa Israelfoɔ nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no, na sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, wadwane akɔ hɔ,+ na deɛ wɔaku no no busuani* no anku no kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane