Exodus
22 “Sɛ obi wia nantwie anaa odwan na ɔku no anaasɛ ɔtɔn no a, ɔde bi bɛsi ananmu. Sɛ ɛyɛ nantwie a, ɔde anantwie nnum bɛsi ananmu, na sɛ ɛyɛ odwan nso a, ɔde nnwan nnan bɛsi ananmu.+
2 (“Sɛ korɔmfoɔ+ bɔ wura obi fie sɛ ɔrekɔwia adeɛ na wɔbɔ no ma no wu a, deɛ ɔbɔɔ no no renni mogya ho fɔ. 3 Nanso sɛ ɔbaeɛ no, na awia apue a, ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ no no bɛdi mogya ho fɔ.)
“Ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu. Sɛ ɔnni hwee a, ɛnneɛ wɔbɛtɔn no de atua deɛ ɔwiaeɛ no ka. 4 Sɛ wɔhu aboa a ɔwiaeɛ no wɔ ne nkyɛn na sɛ aboa no nwui a, nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, ɔbɛbɔ ho mmienu ahyɛ anan.
5 “Sɛ obi de ne mmoa kɔ adidi, na sɛ ɔgyaa wɔn ma wɔkɔwe ne yɔnko afuo mu nneɛma anaa wɔkɔsɛe ne bobefuo* a, ɛsɛ sɛ ɔde nnɔbaeɛ a ɛyɛ paa wɔ ɔno ara n’afuo anaa ne bobefuo mu hyɛ anan.
6 “Sɛ obi sɔ gya na ɛtrɛ kɔtɔ nkasɛɛ mu, na sɛ ɛhye obi hwiit* a watwa agu hɔ anaa deɛ ɛsisi hɔ anaa ɛhye afuo bi a, deɛ ɔsɔɔ gya no, ɛsɛ sɛ ɔtua deɛ ahyeɛ no ho ka.
7 “Sɛ obi de sika anaa nneɛma bi ma ne yɔnko sɛ ɔmfa nsie na obi kɔwia firi ne fie na wɔkye korɔmfoɔ no a, korɔmfoɔ no bɛbɔ ho mmienu ahyɛ anan.+ 8 Sɛ wɔanhu korɔmfoɔ no a, wɔmfa fiewura no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim+ na wɔnhwɛ sɛ ɛnyɛ ɔno ara na wafa ne yɔnko no nneɛma anaa. 9 Berɛ biara a wɔbɛbɔ obi soboɔ sɛ wafa obi adeɛ no, ɛyɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, ataadeɛ oo, biribiara a ayera a obi bɛhu aka sɛ, ‘Ɛyɛ me dea’ no, wɔmfa wɔn mmienu asɛm no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ Deɛ Onyankopɔn bɛka sɛ ɔdi fɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ho mmienu hyɛ ne yɔnko no anan.+
10 “Sɛ obi de n’afunumu anaa ne nantwie anaa ne dwan anaa n’afieboa bi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so na aboa no wu anaa ɔpira anaa obi kye no na obiara anhunu a, 11 ɔnka ntam wɔ Yehowa anim nkyerɛ aboa no wura sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no biribiara. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ aboa no wura no gye tom; ɛnsɛ sɛ ne yɔnko no tua bi hyɛ anan.+ 12 Nanso sɛ obi na ɔbaa ne hɔ bɛwiaa aboa no a,* ɛnneɛ ɔmfa bi nhyɛ ne wura no ananmu. 13 Sɛ wuram aboa na ɛtetee ne mu a, ɔmfa mmra na ɛnyɛ adanseɛ. Deɛ aboa bi atete ne mu deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔtua ho ka.
14 “Na sɛ obi kɔsrɛ aboa bi firi ne yɔnko hɔ na aboa no pira anaa ɔwu berɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ deɛ ɔkɔsrɛɛ aboa no tua ho ka. 15 Sɛ ɛsii wɔ ne wura anim a, ɛnneɛ ɔrentua ho ka. Na sɛ aboa no wura no de no maa ahan a, ɛsiane sika a ɔde too aseɛ no nti, ɔrentua biribi foforɔ biara nhyɛ anan.
16 “Sɛ obi yɛ ɔbaabunu a obiara mfaa n’ano ntoo ne so na sɛ ɔbarima bi to no bradɛ ne no da a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne ti adeɛ na ɔware no.+ 17 Na sɛ ababaawa no papa si no pi sɛ ɔrempene mma ɔbarima no nware ne ba no mpo a, ti adeɛ sika no deɛ, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua.
18 “Mma ɔbaa sumanni biara nntena nkwa mu.+
19 “Obiara a ɔne aboa bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+
20 “Obiara a ɔbɛfiri Yehowa akyi akɔbɔ afɔreɛ ama onyame foforɔ no, wɔnku no.+
21 “Nteetee ɔhɔhoɔ na nhyɛ ne so,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asaase so.+
22 “Monnteetee okunafoɔ anaa agyanka.+ 23 Sɛ moteetee no na ɔsu frɛ me a, ɛkwan biara so mɛtie ne sufrɛ;+ 24 na m’abufuo bɛdɛre, na mede sekan bɛkunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafoɔ na mo mma ayɛ nnyanka.
25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfoɔ a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfoɔ bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+
26 “Sɛ wo yɔnko bɛbɔ wo hɔ bosea na sɛ ɔde ne ntoma si awowa a,+ san fa n’adeɛ kɔma no ansa na adeɛ asa. 27 Ntoma a ɔwɔ ara no no, na ɛno na ɔde kata ne ho. Sɛ ne nsa anka a, ɛdeɛn na ɔde bɛda?+ Sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mewɔ ayamhyehyeɛ.*+
28 “Nka Onyankopɔn ho abususɛm,+ na nnome wo man mu panin.+
29 “Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo nnɔbaeɛ bebrebe ne wo nsã anaa wo ngo a abu so no bi bɛbɔ afɔreɛ.+ Fa wo babarima panin ma me.+ 30 Saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ wo nantwie ne wo dwan abakan:+ Ma no ntena ne maame ho nnanson. Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no ma me.+
31 “Monyɛ ɔman kronkron mma me.+ Aboa biara a wuram aboa bɛtete ne mu no, ɛnsɛ sɛ mowe ne nam.+ Monto mma nkraman.