Exodus
22 “Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan ku no anaa ɔtɔn no a, ɔde bi bɛsi ananmu. Sɛ nantwie na ɔwiaeɛ a, ɔmfa anantwie nnum nsi ananmu, na sɛ odwan na ɔwiaeɛ a, ɔmfa nnwan nnan nsi ananmu.+
2 (“Sɛ korɔmfoɔ+ rebu pono akɔwia adeɛ+ na obi bɔ no ma no wu a, ɔnni mogya ho fɔ.+ 3 Nanso sɛ ɔbaeɛ no na awia apue a, ɛnneɛ ɔbɛdi mogya ho fɔ.)
“Ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan ɛkwan biara so. Na sɛ ɔnni hwee a, ɛnneɛ wɔbɛtɔn no de atua deɛ ɔwiaeɛ no ka.+ 4 Sɛ wɔhunu sɛ aboa a ɔwiaa no no wɔ ne nkyɛn na ɔnwuiɛ a, nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, ɔbɛbɔ ho mmienu ahyɛ ananmu.
5 “Sɛ obi gyaa ne mmoa ma wɔkɔwe ne yɔnko afuo mu nneɛma anaa wɔkɔsɛe ne bobeturo a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔno ara n’afuo anaa ne bobeturo mu nnepa hyɛ ananmu.+
6 “Sɛ egya tɔ nkasɛɛ mu na ɛtrɛ kɔhye ayuo a wɔatwa agu hɔ anaa deɛ ɛsisi hɔ anaa afuo+ bi a, deɛ ɔsɔɔ gya no bɛtua deɛ ahyeɛ no ka.
7 “Sɛ obi de sika anaa agyapadeɛ bi ma ne yɔnko sɛ ɔmfa nsie+ na obi kɔwia firi fie hɔ na wɔhunu korɔmfoɔ no a, ɔbɛbɔ ho mmienu ahyɛ ananmu.+ 8 Nanso sɛ wɔanhunu korɔmfoɔ no a, wɔmfa fiewura no mmra nokorɛ Nyankopɔn anim+ nhwɛ sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ne nsa bɔɔ ne yɔnko no agyapadeɛ mu anaa. 9 Na asɛm a ɛfa mmarato+ biara ho deɛ, nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, atadeɛ oo, biribiara a ayera a obi bɛka sɛ, ‘Ɛyɛ me dea’ no, wɔmfa wɔn mmienu asɛm no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ Deɛ Onyankopɔn bɛka sɛ ɔdi fɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ho mmienu hyɛ ne yɔnko no ananmu.+
10 “Sɛ obi de n’afunumu anaa ne nantwie anaa n’ayɛmmoa bi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so na ɔwu anaa ɔpira anaa obi kye no berɛ a obiara anhunu a, 11 ɔnka ntam+ Yehowa anim sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no agyapadeɛ.+ Ɛba saa a, aboa no wura no nnye ntom, na ɛnsɛ sɛ ne yɔnko no tua bi hyɛ ananmu. 12 Nanso sɛ obi na ɔwiaa no ne nkyɛn a, ɛnneɛ ɔnhyɛ ne wura no ananmu.+ 13 Sɛ wuram aboa na ɔtetee+ ne mu a, ɔmfa ɛho adanseɛ mmra.+ Deɛ aboa bi atete ne mu deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔtua bi hyɛ ananmu.
14 “Na sɛ obi kɔsrɛ aboa bi firi ne yɔnko hɔ+ na ɔpira anaa ɔwu berɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ deɛ ɔkɔsrɛɛ aboa no hyɛ ananmu.+ 15 Nanso sɛ ɛsii ne wura no anim a, ɛnneɛ ɔrenhyɛ ananmu. Afei nso sɛ aboa no wura no de maa no gyee sika a, mpatadeɛ no nyinaa wɔ sika no mu.
16 “Sɛ ababaa bi wɔ hɔ a obiara nsa nna ne soɔ na ɔbarima bi to no bradɛ ne no da+ a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua tiri adeɛ na ɔware no.+ 17 Na sɛ ababaa no papa ka sɛ ɔremfa no mma ɔbarima no mpo a, ɛsɛ sɛ ɔtua sika a wɔde gye mmaabunu awareɛ no.+
18 “Mma ɔbaa sumanni biara nntena ase.+
19 “Obiara a ɔne aboa bɛda no, wɔnku no.+
20 “Deɛ ɔbɛfiri Yehowa akyi abɔ afɔdeɛ ama anyame foforɔ no, wɔnsɛe no.+
21 “Nteetee ɔhɔhoɔ na nhyɛ ne so,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ Egypt asase so.+
22 “Monnteetee okunafoɔ anaa agyanka.+ 23 Sɛ moteetee wɔn na wɔsu frɛ me a, mɛtie wɔn sufrɛ;+ 24 na m’abufuo bɛdɛre,+ na mede nkrantɛ bɛkunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafoɔ na mo mma ayɛ nnyanka.+
25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfoɔ a ahia wɔn+ bosea a, monnyɛ mo ho apoobɔfoɔ a wɔpɛ mfaso bum. Mommfa nsiho biara nnka ho.+
26 “Sɛ wogye wo yɔnko ntoma sɛ awowa+ na sɛ enwunu dwo a, san fa n’adeɛ kɔma no. 27 Ɛno ara ne deɛ ɔde kata ne ho.+ Sɛ ne nsa anka a, ɛdeɛn na ɔde bɛda? Sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ.+
28 “Nka Onyankopɔn ho abususɛm+ biara, na nnome wo man mu panin+ biara.
29 “Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo nnɔbaeɛ ne wo nsã anaa ngo bɛma.+ Fa wo babarima panin ma me.+ 30 Saa ara na fa wo nantwie ne wo dwan abakan ma me:+ Ma no ntena ne maame ho nnanson.+ Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no ma me.
31 “Monyɛ kronkron wɔ m’anim.+ Sɛ aboa bi tete nam mu wɔ wuram a, monnwe saa nam no.+ Monto ntwene mma nkraman.+