Leviticus 22:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Afei ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa deɛ aboa foforɔ atete ne mu na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa. Hesekiel 4:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Afei mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me kra ho nguu fĩ,+ na ɛfiri me mmɔfraase bɛsi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatete ne mu da,+ na nam a ɛho akum biara nso nkaa m’ano da.”+ Asomafoɔ Nnwuma 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso Petro kaa sɛ: “Dabi, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a ɛho agu fĩ na ɛho nteɛ biara da.”+
14 Afei mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me kra ho nguu fĩ,+ na ɛfiri me mmɔfraase bɛsi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatete ne mu da,+ na nam a ɛho akum biara nso nkaa m’ano da.”+