15 Ɔkra biara a ɔbɛwe aboa a wawuo anaa deɛ aboa bi atete ne mu+ no, ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔde nsuo dwareɛ, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ+ ansa na ne ho ate.
21 “Monnwe aboa funu biara.+ Fa ma ɔhɔhoɔ a ɔte wo kurom ma no nwe, anaa tɔn ma ɔmamfrani a ɔwɔ wo nkyɛn, ɛfiri sɛ moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.