Leviticus
22 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ma Aaron ne ne mma aso nte sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔrete ho ama me+ no ho, na wɔnngu me din kronkron no ho fĩ.+ Mene Yehowa. 3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, sɛ ɛba sɛ mo asefoɔ mu barima bi ho gu fĩ+ na ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ rebɛte ho ama Yehowa no ho a, wɔntwa ɔkra a ɔte saa no mfiri m’anim. Mene Yehowa. 4 Aaron mma no mu biara a ɔyare kwata+ anaa deɛ ne ho nsuo sene+ rentumi nni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ,+ na ɔrentumi nni berɛ a ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ.+ Saa ara na ɔbarima a ne ho aba,+ 5 anaa deɛ ne ho aka aboa a ɔwea fam a ne ho nteɛ+ anaa ne ho aka obi a biribi agu ne ho fĩ+ ntumi nnie. 6 Ɔkra a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔdi akronkronneɛ no bi gye sɛ ɔde nsuo adware.+ 7 Sɛ awia kɔtɔ a, ne ho bɛte ama no atumi adi akronkronneɛ no bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane.+ 8 Afei ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa deɛ aboa foforɔ atete ne mu na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa.
9 “‘Wɔnhwɛ nni m’ahyɛdeɛ so na wɔanyɛ bɔne anwuwu,+ akronkronneɛ a wɔagu ho fĩ nti. Me Yehowa na merete wɔn ho.
10 “‘Nipahunu biara nnni akronkronneɛ no bi,+ na ɔhɔhoɔ a ɔne ɔsɔfoɔ teɛ anaa ɔpaani biara nso nnni akronkronneɛ no bi. 11 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ te sika tɔ ɔkra bi a, saa nipa no bɛtumi adi bi. Na akoa a wɔwoo no ne fie nso bɛtumi adi n’aduane no bi.+ 12 Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware nipahunu bi a, ɔbaa no ntumi nni afɔrebɔdeɛ kronkron no bi. 13 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ babaa bɛyɛ okunafoɔ anaa sɛ ne kunu gyaa no na ɔnni mma a, sɛ ɛba sɛ ɔsan kɔtena ne papa fie te sɛ berɛ a na ɔyɛ abaayewa+ no a, ɔbɛtumi adi ne papa aduane+ no bi; na nipahunu deɛ, ɔrentumi nni bi.
14 “‘Sɛ ɛba sɛ obi nnim+ na ɔdi adeɛ a ɛyɛ kronkron a, ɛnneɛ ɔmfa adekorɔ no nkyɛmu nnum mu baako+ nka ho na ɔmfa akronkronneɛ no mmrɛ ɔsɔfoɔ no. 15 Enti wɔnhwɛ na wɔangu akronkronneɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ Yehowa no ho fĩ+ 16 na wɔanni wɔn akronkronneɛ ansoa wɔn bɔne ho asotwe. Me Yehowa na merete wɔn ho.’”
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa ma wɔnte sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi+ nti Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ+ anaasɛ ɔno ara firi ne pɛ mu de ba+ sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa a, 19 deɛ ɛbɛyɛ na ayɛ nhyira+ ama mo no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini anaa odwennini anaa ɔpapo a ɔte apɔ.+ 20 Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ ɛfiri sɛ ɛrenyɛ nhyira mma mo.
21 “‘Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde aboa bi bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ma Yehowa de tua bɔhyɛ+ bi anaa sɛ ɔno ara firi ne pɛ mu de ba a, ɔmfa odwan anaa nantwie a ɔte apɔ a dɛm biara nni ne ho mmra na ayɛ nhyira ama no. 22 Mommfa deɛ n’ani abɔ anaa deɛ ne dompe mu abuo anaa deɛ biribi atwa no anaa deɛ ne ho atutu akuro anaa deɛ wadɔre ntwom anaa deɛ ɛyam ayɛ no+ mmmrɛ Yehowa, na mommfa yeinom biara nnto afɔrebukyia so mmmɔ egya afɔdeɛ+ mmma Yehowa. 23 Sɛ nantwie anaa odwan bi akwaa bi ware anaa ɛyɛ tia dodo a,+ mobɛtumi de abɔ afɔdeɛ sɛ biribi a ɛfiri mo ara mo pɛ mu, nanso sɛ mode tua bɔhyɛ bi a, nhyira biara nni so. 24 Na aboa a wɔapae ne hwewa+ anaa wɔapɛkyɛ no anaa wɔate afiri hɔ anaa wɔatwa deɛ, mommfa mmma Yehowa anim, na mommfa mmmɔ afɔdeɛ wɔ mo asase so baabiara. 25 Monnnye yeinom biara mmfiri ɔhɔhoɔ nsam sɛ mo Nyankopɔn aduane, ɛfiri sɛ wɔn ho ahura. Wɔadi dɛm.+ Nhyira biara nni so+ mma mo.’”
26 Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: 27 “Sɛ nantwie anaa odwan anaa abirekyie wo a, ne ba no ntena ne maame nkyɛn nnanson,+ na ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe rekorɔ no, mobɛtumi de no abɔ egya afɔdeɛ ama Yehowa ama n’ani asɔ. 28 Monnkum nantwie anaa odwan ne ne ba nyinaa da koro.+
29 “Sɛ mobɔ aseda afɔdeɛ ma Yehowa+ a, mommɔ no sɛdeɛ n’ani bɛsɔ. 30 Saa da no ara monni.+ Monnnya bi mmma adeɛ nnkye so.+ Mene Yehowa.
31 “Monkora m’ahyɛdeɛ so na monni so.+ Mene Yehowa. 32 Monngu me din kronkron no ho fĩ,+ na mmom wɔnte me din ho wɔ Israelfoɔ mu.+ Me Yehowa na merete mo ho.+ 33 Me na meyii mo firii Egypt asase so de kyerɛɛ sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.”